1Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
2“Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifo no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:
3Wunim nyansa sen Daniel ana?
4Wonam wo nyansa ne nhumu so
5Wonam wʼaguadi mu nyansa so
6“ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se:
7mede ananafo reba abetia wo,
8Wɔde wo bɛto amoa no mu,
9Afei wobɛka se, “Meyɛ onyame,”
10Wubewu momonotofo wu
11Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
12“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho so na ka kyerɛ no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:
13Na anka wowɔ Eden
14Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfo kerub,
15Na anka wʼakwan ho nni asɛm
16Wʼaguadi a mu trɛw no nti
17Wohyerɛn wɔ wo koma mu
18Wode wo nnebɔne ne aguadi mu asisi
19Aman a na wonim wo nyinaa
20Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
21“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no
22na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:
23Mɛma ɔyaredɔm aba ne so
24“ ‘Na Israelfo rennya yɔnkonom a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaayaw sɛ ohwirem ne nsɔe bio. Afei na wobehu sɛ mene Otumfo Awurade no.
25“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ meboa Israelfo ano fi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me somfo Yakob no so.
26Wɔbɛtena hɔ asomdwoe mu na wobesisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoe mu wɔ bere a matwe ne yɔnkonom a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn no.’ ”