1Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
2“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so.
3Ka kyerɛ Tiro a ɔda po abobow ano, na ɔne aguadifo bebree a wɔwɔ mpoano nkurow so di gua se, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka:
4Wo tumidi wɔ po so akyirikyiri;
5Wo nnua a wɔpaee nyinaa
6Odum nnua a efi Basan
7Misraim nwera papa bi a wɔadi mu adwini
8Sidonfo ne Arwadfo na wɔhare wʼahyɛn;
9Gebal adwumfo adedaw tenaa wʼahyɛn mu
10“ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima
11Arwad ne Helek mmarima
12“ ‘Wʼaguade a ɛma wonyaa wo ho bebree nti, Tarsis ne wo dii gua, wɔde dwetɛ, dade, sanyaa ne sumpii sesaa wʼaguade.
13“ ‘Helafo, Tubalfo ne Mesekfo ne wo dii gua, wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼaguade.
14“ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfurum mma bɛsesaa wʼaguade.
15“ ‘Roda mmarima ne wo dii gua, na mpoano nkurow bebree yɛɛ wʼadetɔfo a wɔde asonse ne duabo nnua tuaa wo ka.
16“ ‘Aram ne wo dii gua esiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammabo, ntama a ɛberedum, nea wɔadi mu adwinni, nwera pa, nnɛnkyerema ne bota bɛsesaa wʼaguade.
17“ ‘Yuda ne Israel ne wo dii gua; wɔde awi a efi Minit ne brodo, ɛwo, ngo ne ahyehyesrade sesaa wʼaguade.
18“ ‘Damasko ne wo dii gua wɔ nsa a efi Helbon ne nguan ho nwi a efi Sahar mu, esiane nneɛma a woyɛ ne wʼaguade a ama woanya wo ho bebree no nti.
19Danfo ne Helafo a wofi Usal tɔɔ wʼaguade na wɔde dade a wɔaboro, sesadua ne ahunuanyankwa sesaa wʼaguade.
20“ ‘Dedan de apɔnkɔnguasotam ne wo dii gua.
21“ ‘Arabfo ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼaguadifo a wɔde nguantenmma, adwennini ne mpapo ne wo dii gua.
22“ ‘Seba ne Raama aguadifo ne wo dii gua; wɔde nnuhuam ahorow a ɛte apɔw, aboɔden abo ne sikakɔkɔɔ ne wo bedii nsesagua.
23“ ‘Haran, Kan ne Eden, aguadifo a wofi Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii gua.
24Wo gua so hɔ, wɔde ntama a ɛyɛ fɛ, nnɛmmatam a ɛyɛ tuntum, adwinne ahorow ne ntama fɛfɛ a ɛwɔ ahosu ahorow a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔwapɔw na ayɛ ne wo bedii gua.
25“ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma
26Wʼaharefo no fa wo
27Wʼahonya, aguade ne adetɔnnne
28Mpoano asase bɛwosow
29Wɔn a wokurakura atabon no nyinaa
30Wɔbɛma wɔn nne so
31Wo nti wɔbɛbobɔ tikwaw
32Bere a wɔretwa adwo redi awerɛhow no
33Bere a wʼaguade kɔɔ po ahorow so no
34Afei po abubu wo mu nketenkete
35Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa
36Aman no mu aguadifo bɔ ntwɔm gu wo so