1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so.
3Ka kyerɛ Tiro a ɔda ɛpo aboboano, na ɔne adwadifoɔ bebree a wɔwɔ mpoano nkuro so di edwa sɛ, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ:
4Wo tumidie wɔ ɛpo so akyirikyiri;
5Wo nnua a wɔpaeɛ nyinaa
6Odum nnua a ɛfiri Basan
7Misraim nwera papa bi a wadi mu adwini
8Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ na wɔhare wʼahyɛn;
9Gebal adwumfoɔ adadafoɔ tenaa wʼahyɛn mu
10“ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima
11Arwad ne Helek mmarima
12“ ‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ.
13“ ‘Helafoɔ, Tubalfoɔ ne Mesekfoɔ ne wo dii edwa. Wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼadetɔndeɛ.
14“ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfunumu mma bɛsesaa wʼadwadideɛ.
15“ ‘Roda mmarima ne wo dii edwa, na mpoano nkuro bebree yɛɛ wʼadetɔfoɔ a wɔde asonse ne duaboɔ nnua tuaa wo ka.
16“ ‘Aram ne wo dii edwa ɛsiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum, deɛ wɔadi mu adwinneɛ, nwera pa, nnenkyenema ne bota bɛsesaa wʼadwadideɛ.
17“ ‘Yuda ne Israel ne wo dii edwa; wɔde ayuo a ɛfiri Minit ne krakase, ɛwoɔ, ngo ne aneneduhwam sesaa wʼadwadideɛ.
18“ ‘Damasko ne wo dii edwa wɔ nsã a ɛfiri Helbon ne nnwan ho nwi a ɛfiri Sahar mu, ɛsiane nneɛma a woyɛ ne wʼadwadideɛ a ama woanya wo ho bebree enti.
19Danfoɔ ne Helafoɔ a wɔfiri Usal tɔɔ wʼadwadideɛ na wɔde dadeɛ a wɔaboro, bɛwewonua ne mmɛtire sesaa wʼadetɔndeɛ.
20“ ‘Dedan de apɔnkɔ so adwatoma ne wo dii edwa.
21“ ‘Arabfoɔ ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼadwadifoɔ a wɔde nnwammaa, nnwennini ne mpapo ne wo dii edwa.
22“ ‘Seba ne Raama adwadifoɔ ne wo dii edwa; wɔde nnuhwam ahodoɔ a ɛte apɔ, aboɔdemmoɔ ne sikakɔkɔɔ ne wo bɛdii nsesadwa.
23“ ‘Haran, Kane ne Eden, adwadifoɔ a wɔfiri Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii edwa.
24Wo dwaaso hɔ, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ, ɔpɔwtam a ɛyɛ tuntum, adwinneɛ ahodoɔ ne ntiasoɔtoma a ɛwɔ ahosu ahodoɔ a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔɔpɔ na ayɛ ne wo bɛdii edwa.
25“ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma
26Wʼaharefoɔ no fa wo
27Wʼahonya, adwadideɛ ne adetɔndeɛ
28Mpoano asase bɛwoso
29Wɔn a wɔkurakura atabon no nyinaa
30Wɔbɛma wɔn ɛnne so
31Wo enti wɔbɛbobɔ tikwa
32Ɛberɛ a wɔretwa adwo redi awerɛhoɔ no,
33Ɛberɛ a wʼadwadideɛ kɔɔ ɛpo ahodoɔ so no
34Afei ɛpo abubu wo mu nketenkete
35Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa
36Aman no mu adwadifoɔ bɔ nsɔm gu wo so