1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2“Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifoɔ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
3Wonim nyansa sene Daniel anaa?
4Wonam wo nyansa ne nhunumu so
5Wonam wʼadwadie mu nyansa so
6“ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:
7mede ananafoɔ reba abɛtia wo,
8Wɔde wo bɛto amena no mu,
9Afei wobɛka sɛ, “Meyɛ onyame,”
10Wobɛwu momonotofoɔ wuo
11Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
12“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho a ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
13Na anka wowɔ Eden
14Wɔsraa wo ngo sɛ ɔhwɛfoɔ Kerub,
15Na anka wʼakwan ho nni asɛm
16Wʼadwadie a emu trɛ no enti
17Wo horanee wɔ wʼakoma mu
18Wode wo nnebɔne ne adwadie mu nsisie
19Aman a na wɔnim woɔ nyinaa
20Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
21“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no
22na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
23Mɛma ɔyaredɔm aba wo so
24“ ‘Na Israelfoɔ rennya ayɔnkofoɔ a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaaya sɛ ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bio. Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.
25“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ meboa Israelfoɔ ano firi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahunu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me ɔsomfoɔ Yakob no so.
26Wɔbɛtena hɔ asomdwoeɛ mu na wɔbɛsisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoeɛ mu wɔ ɛberɛ a matwe nʼayɔnkofoɔ a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn no.’ ”