We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

Hesekiel 29

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← Hesekiel 28 Hesekiel Hesekiel 30 →

1Mfe du so ɔsram a ɛto so du no da a ɛto so dumien no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

2“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Misraimhene Farao so na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa.

3Kasa kyerɛ no na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se.

4Na mede nnarewa besuso wʼabogye mu

5Megyaw wo hɔ wɔ sare no so,

6Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa behu sɛ mene Awurade no.

7Wɔde wɔn nsa soo wo mu no, wo mu bukaw ma wuhuruwii, wotwerii wo no, wo mu bu ma wobɔɔ pemmɔ.

8“ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede afoa bɛba abɛko atia wo na makunkum wo mmarima ne wɔn mmoa.

9Misraim bɛda mpan na asɛe. Ɛno na wobehu sɛ mene Awurade.

10me ne wo ne wo nsuwansuwa na anya, na mɛma Misraim asase asɛe na ada mpan, efi Migdol kosi Aswan twa mu de kɔka Kus hye so.

11Onipa anaa aboa biara nan rensi so, obiara rentena so mfe aduanan.

12Mɛma Misraim asase no ada mpan wɔ nsase a asɛe mu na ne nkuropɔn bɛda mpan mfe aduanan wɔ wɔn nkuropɔn a asɛe no mu. Na mɛbɔ Misraimfo apete wɔ amanaman mu, na mahwete wɔn wɔ nsase so.

13“ ‘Nanso sɛɛ ne nea Otumfo Awurade se: Mfe aduanan akyi no, mɛboaboa Misraimfo ano afi aman a mebɔɔ wɔn petee so no so.

14Mede wɔn befi nnommumfa mu aba na mede wɔn akɔ Misraim Atifi, wɔn nenanom asase. Ɛhɔ na wɔbɛyɛ ahenni mu kumaa bi.

15Ɛbɛyɛ ahenni a ɛnyɛ den na ɛrentumi mma ne ho so wɔ aman a aka no mu. Mɛyɛ no ahenni a ɛrentumi nni aman afoforo so.

16Misraim renyɛ ɔman a Israelfo de wɔn ho bɛto no so bio, mmom ɛbɛkae wɔn bɔne a wɔyɛɛ sɛ wɔde wɔn ho kɔdan no de pɛɛ mmoa. Afei, wobehu sɛ mene Otumfo Awurade no.’ ”

17Mfe aduonu ason so, ɔsram a edi kan no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:

18“Onipa ba, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼasraafo tuu Tiro so sa abran so, eti biara so pepae, na ɔbati nso so popɔree. Nanso ɔne nʼasraafo no annya hwee amfi adwumaden a wɔyɛ de tiaa Tiro no mu.

19Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede Misraim rebɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa na ɔbɛsoa nʼahode akɔ. Ɔbɛfom asase no de ayɛ akatua ama nʼasraafo.

20Mede Misraim ama no sɛ nʼadwumayɛ so akatua, efisɛ ɔne nʼakofo yɛ maa me, Otumfo Awurade asɛm ni.

21“Saa da no mɛma abɛn bi afifi ama Israelfi, na mebue wʼano wɔ wɔn mu. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.”

← Hesekiel 28 Hesekiel Hesekiel 30 →

Hesekiel 29 — akan:

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™