1Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
2“Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:
3Na da no abɛn,
4Afoa bi bɛsɔre atia Misraim,
5Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ afoa ano.
6“ ‘Sɛɛ na Awurade se:
7Wɔbɛdeda mpan
8Afei wobehu sɛ mene Awurade no,
9“ ‘Saa da no, asomafo de ahyɛn befi me nkyɛn akohunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyeraw no wɔ Misraim atemmuda no, na ampa ara ɛbɛba mu.
10“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:
11Ɔno ne nʼasraafo; amanaman no mu anuɔdenfo,
12Mɛma Nil mu nsu ayow
13“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:
14Mɛsɛe Misraim Atifi,
15Mehwie mʼabufuwhyew agu Pɛlusum so,
16Mɛto Misraim mu gya;
17Heliopolis ne Bubastis mmerante
18Sum kabii beduru Tapanhes, da no
19Ɛno nti mɛtwe Misraim aso,
20Afe a ɛto so dubaako no, ɔsram a edi kan no da a ɛto so ason no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
21“Onipa ba, mabu Misraimhene Farao basa mu. Wɔnkyekyeree, na atoa bio; na wɔmfa nhyɛɛ ntama bamma mu na anya ahoɔden a ɔde beso afoa mu.
22Ɛno nti, Otumfo Awurade na ose: Mene Misraimhene Farao anya; mebubu nʼabasa abien no mu; basa a eye ne nea mu abu no, na mama afoa afi ne nsam atɔ fam.
23Mede Misraimfo bɛkɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase so.
24Mɛhyɛ Babiloniahene basa mu den na mede mʼafoa ahyɛ ne nsa, nanso Farao de, mebu nʼabasa mu, na wasi apini wɔ nʼanim sɛ obi a wapira opirabɔne.
25Mɛma Babiloniahene abasa mu ayɛ den, nanso Farao abasa bedwudwo asensɛn ne ho. Sɛ mede mʼafoa hyɛ Babiloniahene nsa na ɔma so tia Misraim a, wobehu sɛ mene Awurade no.
26Mede Misraimfo bɛkɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase no so. Ɛno na wobehu sɛ mene Awurade no.”