1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2“Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:
3Na ɛda no abɛn,
4Akofena bi bɛba abɛtia Misraim,
5Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ akofena ano.
6“ ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ:
7Wɔbɛdeda mpan
8Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no,
9“ ‘Saa ɛda no, asomafoɔ de ahyɛn bɛfiri me nkyɛn akɔhunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyera no wɔ Misraim Atemmuo da no, na ampa ara ɛbɛba mu.
10“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
11Ɔno ne nʼakodɔm; amanaman no mu aniɛdenfoɔ,
12Mɛma Nil ho asutene awewe
13“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
14Mɛsɛe Misraim Atifi,
15Mehwie mʼabufuhyeɛ agu Pɛlusum so
16Mɛto Misraim mu ogya;
17Heliopolis ne Bubastis mmeranteɛ
18Esum kabii bɛduru Tapanhes ɛda no,
19Ɛno enti mɛtwe Misraim aso,
20Afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so nson no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
21“Onipa ba, mabu Misraimhene Farao abasa mu. Wɔnkyekyereeɛ na atoa bio; na wɔmmfa nhyɛɛ ntoma bamma mu na anya ahoɔden a ɔde bɛsɔ akofena mu.
22Ɛno enti, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ: Mene Misraimhene Farao anya, mɛbu nʼabasa mmienu no mu; abasa a ɛyɛ ne deɛ a emu abuo no, na mama akofena afiri ne nsam atɔ fam.
23Mede Misraimfoɔ bɛkokɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase so.
24Mɛhyɛ Babiloniahene basa mu den na mede mʼakofena ahyɛ ne nsa, nanso Farao deɛ, mɛbu nʼabasa mu, na wasi apinie wɔ nʼanim sɛ obi a wapira pirabɔne.
25Mɛma Babiloniahene abasa mu ayɛ den, nanso Farao abasa bɛdwodwo asensɛn ne ho. Sɛ mede mʼakofena hyɛ Babiloniahene nsa na ɔma so tia Misraim a, wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.
26Mede Misraimfoɔ bɛkokɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase no so. Ɛno na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”