1Yeinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafoɔ, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene wɔ Yerusalem seɛ:
2“Ahuhudeɛ! Ahuhudeɛ!”
3Ɛdeɛn na onipa nya firi nʼadwumayɛ nyinaa mu?
4Awoɔ ntoatoasoɔ ba na ɛkɔ,
5Owia pue na owia kɔtɔ,
6Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam
7Nsubɔntene nyinaa tene kɔgu ɛpo mu,
8Biribiara yɛ ɔbrɛ
9Deɛ aba no bɛba bio,
10Biribi wɔ hɔ a wɔbɛtumi aka wɔ ho sɛ:
11Wɔnnkae tetefoɔ no,
12Me, Ɔsɛnkafoɔ, na meyɛ Israelhene wɔ Yerusalem.
13Metuu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ bɛsua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru bɛn na Onyankopɔn de ato adasamma soɔ yi!
14Mahunu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛ deɛ obi de mmirika taa mframa.
15Deɛ akyea no, wɔntumi ntene;
16Mekaa wɔ me ho sɛ, “Hwɛ, manyini na manya nimdeɛ bebree asene obiara a watena Yerusalem ahennwa so ansa na merebɛdi adeɛ. Manya nhunumu ne nimdeɛ mu osuahunu.”
17Afei, meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ ase, ɛne abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm. Nanso mehunuu sɛ yei nso te sɛ deɛ obi di mmirika taa mframa.
18Nimdeɛ bebree de awerɛhoɔ na ɛba;