We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

Ɔsɛnkafoɔ 2

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← Ɔsɛnkafoɔ 1 Ɔsɛnkafoɔ Ɔsɛnkafoɔ 3 →

1Mekaa mʼakomam sɛ, “Afei bra, mede anigyeɛ bɛsɔ wo ahwɛ na yɛahunu deɛ ɛyɛ.” Nanso, ankɔsi hwee.

2Mekaa sɛ, “Ɔsereɛ yɛ nkwaseadeɛ. Na ɛdeɛn na anigyeɛ tumi yɛ?”

3Mepɛɛ sɛ mehunu deɛ ɛyɛ pa ara ma yɛn wɔ ɛberɛ tiawa a yɛwɔ wɔ asase yi so. Enti meyɛɛ mʼadwene sɛ mede nsã bɛsɛpɛ me ho na mahwehwɛ, ahunu nkwaseasɛm asekyerɛ, a mʼankasa deɛ, mennyɛ ɔkwasea.

4Mede me nsa hyɛɛ nnwuma akɛseɛ ase; mesisii adan yɛɛ bobe nturo.

5Meyɛɛ nturo ne ahomegyebea na meduaduaa nnuaba ahodoɔ bebree wɔ mu.

6Mesisii nsukoraeɛ a mɛtwe nsuo afiri mu, de agugu nnua a ɛrenyini no so.

7Metɔɔ nkoa ne mfenaa, na menyaa ebinom nso a wɔwoo wɔn wɔ me fie. Afei nso menyaa anantwie ne nnwan bebree sene obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem.

8Mepɛɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, gyegyee ahemfo ne amantam no ademudeɛ kaa ho. Mefaa mmarima ne mmaa nnwomtofoɔ, pɛɛ mmaa atenaeɛ nso; deɛ ɛyɛ ɔbarima akoma anigyedeɛ biara.

9Megyee edin sene obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. Yeinom nyinaa mu no, me nimdeɛ kɔɔ so yɛɛ adwuma.

10Deɛ mʼani hwehwɛeɛ biara, mamfa ankame no;

11Nanso sɛ mehwɛ deɛ me nsa ayɛ nyinaa

12Mede mʼadwene kɔɔ nimdeɛ,

13Mehunuu sɛ, nimdeɛ yɛ sene nkwaseasɛm,

14Onyansafoɔ ani wɔ ne tirim,

15Afei mesusuu mʼakomam sɛ,

16Te sɛ ɔkwasea no, ɔnyansafoɔ nso, wɔrenkae no daa;

17Ɛno enti asetena fonoo me, na adwuma a yɛyɛ wɔ owia yi ase no haa me. Ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ, te sɛ deɛ wɔtu mmirika taa mframa.

18Mekyirii deɛ mayɛ adwuma apɛ nyinaa wɔ owia yi ase, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ megya hɔ ma deɛ ɔbɛdi mʼadeɛ.

19Na hwan na ɔnim sɛ onipa ko no bɛyɛ onyansafoɔ anaa ɔkwasea? Nanso deɛ mabiri me mogya ani apɛ wɔ owia yi ase nyinaa bɛkɔ ne nsam. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

20Enti mepaa aba wɔ owia yi ase adwumaden ho.

21Na onipa bɛfiri ne nimdeɛ, nyansa ne adwumayɛ ho nimdeɛ mu ayɛ nʼasɛdeɛ, na afei ɛsɛ sɛ ogya nʼadwumayɛ so aba ma obi a ɔnyɛɛ adwuma biara. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, na ɛha adwene.

22Ɛdeɛn na onipa nya firi ne brɛ ne dadwene a ɔde yɛ adwuma wɔ owia yi ase mu?

23Ne nkwa nna nyinaa, nʼadwumayɛ yɛ ɔyea ne ɔhaw; anadwo mpo nʼadwene yɛ adwuma. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.

24Biribiara nsene sɛ onipa bɛdidi na wanom na wanya ahomeka wɔ adwumayɛ mu. Yei nso mehunuu sɛ ɛfiri Onyankopɔn,

25ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔno a, anka hwan na ɔbɛtumi adidi anaasɛ ɔbɛnya ahomeka?

26Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no, ɔma no nimdeɛ, nyansa ne anigyeɛ, nanso omumuyɛfoɔ deɛ, ɔma ɔboaboa ahonyadeɛ ano ma deɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, sɛdeɛ wɔde mmirikatuo taa mframa.

← Ɔsɛnkafoɔ 1 Ɔsɛnkafoɔ Ɔsɛnkafoɔ 3 →

Ɔsɛnkafoɔ 2 — akan:

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™