1Eyinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafo, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene wɔ Yerusalem se:
2“Ahuhude! Ahuhude!”
3Dɛn na onipa nya fi nʼadwumayɛ nyinaa mu,
4Awo ntoatoaso ba na ɛkɔ,
5Owia pue na owia kɔtɔ,
6Mframa bɔ kɔ anafo fam
7Nsubɔnten nyinaa sen kogu po mu,
8Biribiara yɛ ɔbrɛ
9Nea aba no bɛba bio,
10Biribi wɔ hɔ a wobetumi aka wɔ ho se:
11Wɔnkae tetefo no,
12Me, Ɔsɛnkafo, na meyɛ Israelhene wɔ Yerusalem.
13Mituu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ besua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru a Onyankopɔn de ato adesamma so!
14Mahu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea obi tu mmirika taa mframa.
15Nea akyea no wontumi nteɛ;
16Mekaa wɔ me tirim se, “Hwɛ, manyin na manya nimdeɛ bebree asen obiara a watena Yerusalem ahengua so ansa na merebedi ade. Manya nhumu ne nimdeɛ mu osuahu.”
17Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ, ne adammɔsɛm ne nkwaseasɛm ase. Nanso mihuu sɛ eyi nso te sɛnea obi tu mmirika taa mframa.
18Nimdeɛ bebree de awerɛhow na ɛba;