We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

1 Berɛsosɛm 2

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← 1 Berɛsosɛm 1 1 Berɛsosɛm 1 Berɛsosɛm 3 →

1Israel mmammarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon,

2Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.

3Yuda ne Kanaanni baa Bat-Sua woo mmammarima baasa.

4Akyire no, Yuda ne nʼase kunafoɔ Tamar woo ntafoɔ. Na wɔn din de Peres ne Serah.

5Na Peres mmammarima din de

6Serah mmammarima din de

7Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefoɔ no mu baako nam fa a ɔfaa asadeɛ a wɔgya maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfoɔ so.

8Na Etan babarima ne

9Hesron mmammarima edin de Yerahmeel, Ram ne Kaleb.

10Ram yɛ Aminadab agya.

11Nahson yɛ Salma agya.

12Boas yɛ Obed agya.

13Yisai abakan yɛ Eliab. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛ Abinadab ɛnna deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa yɛ Simea.

14Na deɛ ɔtɔ so ɛnan yɛ Netanel ɛnna Radai tɔ so enum.

15Ne babarima a ɔtɔ so nsia no din de Osem, na Dawid na na ɔtɔ so nson.

16Na wɔn nuanom mmaa din de Seruia ne Abigail.

17Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no edin Amasa.

18Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmammarima edin de Yeser, Sobab ne Ardon.

19Asuba owuo akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Hur.

20Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.

21Ɛberɛ a Hesron dii mfeɛ aduosia no, ɔwaree Gilead nuabaa a na ɔyɛ Makir babaa. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Segub.

22Segub woo Yair a ɔdii nkuro aduonu mmiɛnsa so wɔ Gilead asase so no.

23(Akyire no, Gesur ne Aram gyee Yair nkuro, sane gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.)

24Hesron wuu wɔ kuro Kaleb-Efrata mu no, ankyɛ na ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no edin Asur (Tekoa agya).

25Hesron abakan Yerahmeel mmammarima a ɔwoo wɔn no edin yɛ

26Yerahmeel wɔ yere a ɔtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.

27Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmammarima yɛ

28Onam mmammarima yɛ

29Na Abisur ne ne yere Abihail mmammarima yɛ Ahban ne Molid.

30Na Nadab mmammarima yɛ

31na Apaim deɛ, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi.

32Na Samai nuabarima Yada woo

33nanso Yonatan woo mmammarima baanu a na wɔfrɛ

34Na Sesan annya mmammarima, ɔnyaa mmammaa.

35Sesan de ne mmammaa no mu baako maa Yarha awadeɛ na wɔwoo ɔbabarima too no edin Atai.

36Atai woo Natan

37Sabad woo Efial.

38Obed woo Yehu

39Asaria woo Heles.

40Eleasa woo Sisemai

41Salum woo Yekamia,

42Yerahmeel nua Kaleb

43Na Hebron mmammarima yɛ

44Na Sema woo Raham.

45Na Samai woo Maon.

46Na Kaleb mpena Efa woo

47Na Yahdai mmammarima yɛ

48Kaleb mpena foforɔ bi a wɔfrɛ no Maaka woo

49Ɔsane woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agya

50Yeinom nyinaa yɛ Kaleb asefoɔ.

51Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya.

52Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmammarima yɛ

53na ne fa a aka no firi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefoɔ a wɔka ho ne Yitrifoɔ, Putifoɔ, Sumatifoɔ ne Misraimfoɔ. Wɔn mu na Sorafoɔ ne Estaolfoɔ firie.

54Salma asefoɔ yɛ

55ne atwerɛfoɔ mmusua a wɔte Yabes no, Tirafoɔ, Simeafoɔ ne Sukatfoɔ. Yeinom nyinaa yɛ Kenifoɔ, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefoɔ.

← 1 Berɛsosɛm 1 1 Berɛsosɛm 1 Berɛsosɛm 3 →

1 Berɛsosɛm 2 — akan:

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™