We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

1 Berɛsosɛm 1

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ · akan

1 Berɛsosɛm 1 Berɛsosɛm 2 →

1Adam asefoɔ yɛ Set, Enos,

2Kenan, Mahalalel, Yared,

3Henok, Metusela, Lamek,

4Noa mma ne, Sem, Ham, ne Yafet.

5Na Yafet asefoɔ ne Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

6Na Gomer asefoɔ ne Askenas, Rifat ne Togarma.

7Na Yawan asefoɔ ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.

8Na Ham asefoɔ ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

9Na Kus asefoɔ ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefoɔ yɛ Saba ne Dedan.

10Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ wɔ asase so.

11Misraim yɛ tete agya ma

12Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔn ase na Filistifoɔ firi.

13Na Kanaan abakan din de

14Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ,

15Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ,

16Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ tete agya.

17Na Sem asefoɔ yɛ Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.

18Na Arfaksad woo Sela na Sela woo Eber.

19Eber woo mmammarima baanu. Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.

20Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera,

21Hadoram, Usal, Dikla,

22Obal, Abimael, Seba,

23Ofir, Hawila ne Yobab. Yeinom nyinaa yɛ Yoktan asefoɔ.

24Ɛno enti, yei ne abusuadua a ɛfiri Sem: Arfaksad, Sela,

25Eber, Peleg, Reu,

26Serug, Nahor, Tera,

27ne Abram a akyire yi, wɔfrɛɛ no Abraham no.

28Abraham mmammarima yɛ Isak ne Ismael.

29Na Ismael mmammarima nso ne

30Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema,

31Yetur, Nafis ne Kedema.

32Na Abraham mpena Ketura mmammarima ne Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.

33Na Midian mmammarima ne Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa.

34Abraham woo Isak. Isak mmammarima yɛ Esau ne Israel.1.34 Israel: Yei ne edin a Onyankopɔn de too Yakob

35Na Esau mmammarima yɛ Elifas, Reuel, Yeus, Yalam ne Kora.

36Na Elifas mmammarima yɛ Teman, Omar, Sefi, Gatam, Kenas, Timna ne Amalek.

37Na Reuel mmammarima yɛ Nahat, Serah, Sama ne Misa.

38Na Seir mmammarima yɛ Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan.

39Na Lotan mmammarima yɛ Hori ne Homam. Na Lotan nuabaa din de Timna.

40Na Sobal mmammarima yɛ Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam.

41Na Ana babarima yɛ Dison.

42Na Eser mmammarima yɛ Bilhan, Saawan ne Akan.

43Yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom so ansa na Israelfoɔ renya ahemfo:

44Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

45Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

46Husam owuo akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit.

47Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.

48Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene.

49Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene.

50Baal-Hanan wuiɛ no, Hadad tenaa kuropɔn Pai mu dii ɔhene. Na ne yere a wɔfrɛ no Mehetabel no yɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana.

51Na Hadad nso wuiɛ.

52Oholibama, Ela, Pinon,

53Kenas, Teman, Mibsar,

54Magdiel ne Iram.

1 Berɛsosɛm 1 Berɛsosɛm 2 →

1 Berɛsosɛm 1 — akan:

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™