We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

1 Beresosɛm 1

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ · akan

1 Beresosɛm 1 Beresosɛm 2 →

1Adam asefo yɛ Set, Enos,

2Kenan, Mahalalel, Yared,

3Henok, Metusela, Lamek,

4Noa mma ne, Sem, Ham, ne Yafet.

5Na Yafet asefo ne Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

6Na Gomer asefo ne Askenas, Rifat ne Togarma.

7Na Yawan asefo ne Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.

8Na Ham asefo ne Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

9Na Kus asefo ne Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama asefo yɛ Saba ne Dedan.

10Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofo kɛse wɔ asase so.

11Na Misraim woo

12Patrusfo, Kasluhfo ne Kaftorfo a wɔn ase na Filistifo fi.

13Na Kanaan woo nʼabakan

14Yebusifo, Amorifo, Girgasifo,

15Hewifo, Arkifo, Sinifo,

16Arwadfo, Semarifo ne Hamatifo tete agya.

17Na Sem asefo yɛ Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.

18Na Arfaksad woo Sela na Sela woo Eber.

19Eber woo mmabarima baanu. Wɔtoo ɔbaako din Peleg a ase kyerɛ Nkyekyɛmu, efisɛ nʼawobere mu na kasa ahorow nti, nnipa a wɔwɔ asase so mu kyekyɛe ma wɔhwetee. Na wɔtoo ne nua a ɔka ne ho no din Yoktan.

20Yoktan woo Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera,

21Hadoram, Usal, Dikla,

22Obal, Abimael, Seba,

23Ofir, Hawila ne Yobab. Eyinom nyinaa yɛ Yoktan asefo.

24Ɛno nti, eyi ne anato a efi Sem: Arfaksad, Selah,

25Eber, Peleg, Reu,

26Serug, Nahor, Tera,

27ne Abram a akyiri no, wɔfrɛɛ no Abraham no.

28Abraham mmabarima yɛ Isak ne Ismael.

29Na Ismael mmabarima nso ne

30Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema,

31Yetur, Nafis ne Kedema.

32Na Abraham mpena Ketura mmabarima ne Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.

33Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa.

34Abraham woo Isak. Isak mmabarima yɛ Esau ne Israel.1.34 Israel: Eyi ne din a Onyankopɔn de too Yakob

35Na Esau mmabarima yɛ Elifas, Reuel, Yeus, Yalam ne Kora.

36Na Elifas mmabarima yɛ Teman, Omar, Sefi, Gatam, Kenas, Timna ne Amalek.

37Na Reuel mmabarima yɛ Nahat, Serah, Sama ne Misa.

38Na Seir mmabarima yɛ Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan.

39Na Lotan mmabarima yɛ Hori ne Homam. Na Lotan nuabea din de Timna.

40Na Sobal mmabarima yɛ Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam.

41Na Ana babarima yɛ Dison.

42Na Eser mmabarima yɛ Bilhan, Saawan ne Akan.

43Eyinom ne ahemfo a wodii Edom so ansa na Israelfo renya ahemfo:

44Na Bela wui no, Serah babarima Yobab a ofi Bosra bedii nʼade sɛ ɔhene.

45Na Yobab wui no, Husam a ofi Teman asase so bedii nʼade sɛ ɔhene.

46Husam wu akyi no, Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a okodii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na odii nʼade sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkurow no din Hawit.

47Hadad wui no, Samla a ofi Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.

48Samla wui no, Saulo a ofi Rehobot a ɛda asu Eufrate ho no bedii hene.

49Na Saulo wui no, Akbor babarima Baal-Hanan bedii hene.

50Baal-Hanan wui no, Hadad tenaa kuropɔn Pai mu dii hene. Na ne yere a wɔfrɛ no Mehetabel no yɛ Matred babea ne Me-Sahab nso nena.

51Na Hadad nso wui.

52Oholibama, Ela, Pinon,

53Kenas, Teman, Mibsar,

54Magdiel ne Iram.

1 Beresosɛm 1 Beresosɛm 2 →

1 Beresosɛm 1 — akan:

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™