We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

1 Beresosɛm 2

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← 1 Beresosɛm 1 1 Beresosɛm 1 Beresosɛm 3 →

1Israel mmabarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon,

2Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.

3Yuda ne Kanaannibea Bat-Sua woo mmabarima baasa.

4Akyiri no, Yuda ne nʼase kunafo Tamar woo nta. Na wɔn din de Peres ne Serah.

5Na Peres mmabarima din de

6Serah mmabarima din de

7Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefo no mu baako nam fa a ɔfaa asade a wogyaw maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfo so.

8Na Etan babarima ne

9Hesron mmabarima din de Yerahmeel, Ram ne Kaleb.

10Ram yɛ Aminadab agya.

11Nahson yɛ Salma agya.

12Boas yɛ Obed agya.

13Yisai abakan yɛ Eliab nea ɔto so abien yɛ Abinadab na nea ɔto so abiɛsa yɛ Simea.

14Na nea ɔto so anan yɛ Netanel na Radai to so anum.

15Ne babarima a ɔto so asia no din de Osem na Dawid na na ɔto so ason.

16Na wɔn nuabeanom din de Seruia ne Abigail.

17Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no din Amasa.

18Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmabarima din de Yeser, Sobab ne Ardon.

19Asuba wu akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no din Hur.

20Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.

21Bere a Hesron dii mfe aduosia no, ɔwaree Gilead nuabea a na ɔyɛ Makir babea. Wɔwoo ɔbabarima too no din Segub.

22Segub woo Yair a odii nkurow aduonu abiɛsa so wɔ Gilead asase so no.

23(Akyiri no, Gesur ne Aram gyee Yair nkurow, san gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.)

24Hesron wuu wɔ kurow Kaleb-Efrata mu akyi no, ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no din Asur (Tekoa agya).

25Hesron abakan Yerahmeel mmabarima a ɔwoo wɔn no din yɛ

26Na Yerahmeel wɔ ɔyere a ɔto so abien a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.

27Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmabarima yɛ

28Onam mmabarima yɛ

29Na Abisur ne ne yere Abihail mmabarima yɛ Ahban ne Molid.

30Na Nadab mmabarima yɛ

31na Apaim de, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi.

32Na Samai nuabarima Yada woo

33nanso Yonatan woo mmabarima baanu a na wɔfrɛ wɔn

34Na Sesan annya mmabarima, onyaa mmabea.

35Sesan de ne mmabea no mu baako maa Yarha aware na wɔwoo ɔbabarima too no din Atai.

36Atai woo Natan

37Sabad woo Efial.

38Obed woo Yehu

39Asaria woo Heles.

40Eleasa woo Sisemai

41Salum woo Yekamia,

42Yerahmeel nua Kaleb

43Na Hebron mmabarima yɛ

44Na Sema woo Raham.

45Na Samai woo Maon.

46Na Kaleb mpena Efa woo

47Na Yahdai mmabarima yɛ

48Kaleb mpena foforo bi a wɔfrɛ no Maaka woo

49Ɔsan woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agya

50Eyinom nyinaa yɛ Kaleb asefo.

51Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya.

52Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmabarima yɛ

53na ne fa a aka no fi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefo a wɔka ho ne Yitrifo, Putifo, Sumatifo ne Misraimfo, wɔn mu na Sorafo ne Estaolfo fi.

54Salma asefo yɛ

55ne akyerɛwfo mmusua a wɔte Yabes no, Tirafo, Simeafo ne Sukatfo. Eyinom nyinaa yɛ Kenifo, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefo.

← 1 Beresosɛm 1 1 Beresosɛm 1 Beresosɛm 3 →

1 Beresosɛm 2 — akan:

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™