We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

Luka 3

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← Luka 2 Luka Luka 4 →

1Kaesare Tiberio dii adeɛ ne mfeɛ dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ ɛserɛ so.

2Saa ɛberɛ no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinihene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansini so; na Lisania di Abilene mansinihene, ɛnna Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin.

3Yohane kyinkyinii Asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnipa sɛ, wɔmma wɔmmɔ wɔn asu nsakra mfiri wɔn bɔne ho, na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.

4Sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa sɛ,

5Bɔnhwa biara bɛyɛ ma.

6Na nnipa nyinaa bɛhunu Onyankopɔn nkwagyeɛ.’ ”

7Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ a wɔbaa hɔ sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ, “Awɔ mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuhyeɛ a ɛreba no ho?

8Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakyera ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefoɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama saa aboɔ yi adane nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefoɔ.

9Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnso aba pa nhini ho sɛ ɔde bɛtwa na ɔde agu ogya mu, ahye no.”

10Nnipakuo no bisaa no sɛ, “Na ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛnyɛ?”

11Yohane buaa wɔn sɛ, “Sɛ wowɔ ntoma mmienu a, ma deɛ ɔnni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduane a, ma deɛ ɔnni bi no bi.”

12Togyefoɔ a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnyɛ ɛdeɛn?”

13Ɔbuaa wɔn sɛ, “Monnnye mmoro deɛ wɔatwa ato hɔ sɛ monnye no.”

14Asraafoɔ bi nso bisaa sɛ, “Yɛn nso yɛnyɛ ɛdeɛn?”

15Esiane sɛ saa ɛberɛ no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan enti, na wɔsusu sɛ Yohane ne Agyenkwa no.

16Yei maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me deɛ mede nsuo na ɛrebɔ mo asu. Nanso, obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sene me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu.

17Ɔno na sɛ ɔba a, ɔbɛhuhu mo so sɛ ɛmo, ayiyi mu aba pa no afiri ntɛtɛ no mu na ɔde aba pa no akɔsie na ɔde ogya a ɛnnum da ahye ntɛtɛ no.”

18Ɔnam afotuo ahodoɔ so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.

19Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Herodia a ɔwaree no ne bɔne ahodoɔ a na ɔyɛ no ho.

20Yei maa Herode de Yohane too afiase.

21Ɛberɛ a Yohane bɔɔ nkurɔfoɔ pii asu wieeɛ no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wieeɛ a ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueɛ.

22Honhom Kronkron sianee honam mu te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Wone me Dɔ Ba a wosɔ mʼani.”

23Yesu hyɛɛ nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfeɛ aduasa. Nkurɔfoɔ susuu sɛ, Yesu yɛ Yosef ba.

24Eli agya ne Mattat;

25Yosef agya ne Matatia; Matatia agya ne Amos;

26Nagai agya ne Mahat;

27Yoda agya ne Yohanan; Yohanan agya ne Resa;

28Neri agya ne Melki;

29Er agya ne Yosua; Yosua agya ne Elieser;

30Lewi agya ne Simeon;

31Eliakim agya ne Melea; Melea agya ne Mena;

32Dawid agya ne Yisai;

33Nahson agya ne Aminadab; Aminadab agya ne Admin;

34Yuda agya ne Yakob;

35Nahor agya ne Serug; Serug agya ne Reu;

36Sala agya ne Kainan;

37Lamek agya ne Metusela; Metusela agya ne Henok;

38Kenan agya ne Enos;

← Luka 2 Luka Luka 4 →

Luka 3 — akan:

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™