1Kaesare Tiberio dii ade ne mfe dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ sare so.
2Saa bere no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinhene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansin so, na Lisania di Abilene mansinhene, na Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafo asɔfo mpanyin.
3Yohane kyinkyinii Asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnipa se, wɔmma wɔmmɔ wɔn asu nsakra mfi wɔn bɔne ho, na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.
4Sɛnea Odiyifo Yesaia kae se,
5Obon biara bɛyɛ ma.
6Na nnipa nyinaa behu Onyankopɔn nkwagye.’ ”
7Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔbaa hɔ se ɔmmɔ wɔn asu no se, “Awɔ mma! Hena na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ munguan mfi abufuwhyew a ɛreba no ho?
8Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakra ampa. Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefo, efisɛ Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo.
9Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnsow aba pa ntin ho sɛ ɔde betwa na ɔde agu gya mu ahyew no.”
10Nnipakuw no bisaa no se, “Na ɛno de, dɛn na yɛnyɛ?”
11Yohane buaa wɔn se, “Sɛ wowɔ ntama abien a, ma nea onni bi no baako. Saa ara nso na sɛ wowɔ aduan a, ma nea onni bi no bi.”
12Towgyefo3.12 Na wɔmpɛ Yudafo ananmusifo a wogye tow ma Roma aban, efisɛ na wɔboa ampɛnyamesom sodifo; na afei wosisi wɔn ankasa wɔn nkurɔfo. a wɔbaa hɔ sɛ wɔmmɔ wɔn asu no nso bisae se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛnyɛ dɛn?”
13Obuaa wɔn se, “Munnnye mmmoro nea wɔatwa ato hɔ sɛ munnye no.”
14Asraafo3.14 Na wɔma Yudafo akannifo no mmeae bi ne nnipakuw ahorow bi te sɛ hyiadan awɛmfo ne towgyefo asraafo kakra bammɔ. Na wɔnkasa ntia asraafo no dwumadi ne towgye, na mmom, nsɛmmɔne a asraafo ne towgyefo yɛ wɔ wɔn adwumayɛ mu no de, na wɔkasa tia. bi nso bisae se, “Yɛn nso yɛnyɛ dɛn?”
15Esiane sɛ saa bere no na nnipa no nyinaa rehwɛ Agyenkwa no kwan nti, na wosusuw sɛ Yohane ne Agyenkwa no.
16Eyi maa Yohane ka kyerɛɛ wɔn se, “Me de, mede nsu na ɛrebɔ mo asu. Nanso obi di mʼakyi a ɔreba a, ɔwɔ tumi sen me na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno de, sɛ ɔba a ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu.
17Ɔno na sɛ ɔba a, obehuhuw aburow no so ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akosie na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no.”
18Ɔnam afotu ahorow so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn.
19Yohane kaa Herode anim wɔ ne nua yere Herodia a ɔwaree no ne bɔne ahorow a na ɔyɛ no ho.
20Eyi maa Herode de Yohane too afiase.
21Bere a Yohane bɔɔ nkurɔfo pii asu wiee no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wiee a ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei.
22Honhom Kronkron sian te sɛ aborɔnoma baa Yesu so na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.”
23Yesu fii nʼadwuma ase no, na wadi bɛyɛ mfe aduasa. Nkurɔfo susuw sɛ, Yesu yɛ Yosef ba.
24Eli agya ne Mattat;
25Yosef agya ne Matatia; Matatia agya ne Amos;
26Nagai agya ne Mahat;
27Yoda agya ne Yohanan; Yohanan agya ne Resa;
28Neri agya ne Melki;
29Er agya ne Yosua; Yosua agya ne Elieser;
30Lewi agya ne Simeon;
31Eliakim agya ne Melea; Melea agya ne Mena;
32Dawid agya ne Yisai;
33Nahson agya ne Aminadab; Aminadab agya ne Admin;
34Yuda agya ne Yakob;
35Nahor agya ne Serug; Serug agya ne Reu;
36Sala agya ne Kainan;
37Lamek agya ne Metusela; Metusela agya ne Henok;
38Kenan agya ne Enos;