1Ɛberɛ a Imer a ɔyɛ Awurade asɔredan mu adwumayɛfoɔ so panin babarima ɔsɔfoɔ Pashur tee sɛ Yeremia rehyɛ nkɔm fa saa nneɛma yi ho no,
2ɔmaa wɔboroo Yeremia, na wɔbɔɔ no dua mu wɔ Benyamin Atifi Ɛpono a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu hɔ.
3Adeɛ kyeeɛ a, Pashur sanee no no, Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib.
4Na sei na Awurade seɛ: ‘Mɛma wo ho ayɛ hu ama wʼankasa ne wo nnamfonom nyinaa, wʼankasa de wʼani bɛhunu sɛ wɔtotɔ wɔ wɔn atamfoɔ akofena ano. Mede Yuda nyinaa bɛma Babiloniahene na wasoa wɔn akɔ Babilonia anaasɛ ɔde akofena bɛkunkum wɔn.
5Mede kuropɔn yi ahodeɛ nyinaa bɛma wɔn atamfoɔ; nʼadwumayɛ so aba, ne nneɛma a ɛsom bo ne Yuda ahemfo akoradeɛ nyinaa. Wɔbɛfa no sɛ afodeɛ akɔ Babilonia.
6Na wo Pashur, ne wo fiefoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Babilonia. Ɛhɔ na wo ne wo nnamfonom a wohyɛɛ wɔn nkɔmtorɔ no nyinaa bɛwuwu na wɔasie mo.’ ”
7Ao, Awurade, woadaadaa me;
8Ɛberɛ biara a mɛkasa no, meteam
9Sɛ meka sɛ, “Meremmɔ ne din
10Mete asomusɛm bebree sɛ,
11Nanso, Awurade ka me ho sɛ dɔmmarima;
12Ao, Asafo Awurade! Wo a wɔsɔ ɔteneneeni hwɛ
13Monto dwom mma Awurade!
14Nnome nka da a wɔwoo me!
15Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya kaseɛ,
16Ma saa onipa no nyɛ sɛ nkuro a
17Ɛfiri sɛ, wankum me wɔ awotwaa mu
18Adɛn koraa na mefirii awotwaa mu pueɛ