1Bere a Imer a ɔyɛ Awurade asɔredan mu adwumayɛfo so panyin babarima ɔsɔfo Pashur tee sɛ Yeremia rehyɛ nkɔm fa saa nneɛma yi ho no,
2ɔma wɔboroo Yeremia, na wɔbɔɔ no dua mu wɔ Benyamin Atifi Pon a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu hɔ no.
3Ade kyee a Pashur san no no, Yeremia ka kyerɛɛ no se, “Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib.
4Na sɛɛ na Awurade se: ‘Mɛma wo ho ayɛ hu ama wʼankasa ne wo nnamfonom nyinaa, wʼankasa de wʼani behu sɛ wɔtotɔ wɔ wɔn atamfo mfoa ano. Mede Yuda nyinaa bɛma Babiloniahene na wasoa wɔn akɔ Babilonia anaasɛ ɔde afoa bekunkum wɔn.
5Mede kuropɔn yi ahode, nʼadwumayɛ so aba, ne nneɛma a ɛsom bo ne Yuda ahemfo nnwetɛbona nyinaa bɛma wɔn atamfo. Wɔbɛfa no sɛ asade akɔ Babilonia.
6Na wo Pashur, ne wo fifo nyinaa bɛkɔ nnommum mu wɔ Babilonia. Ɛhɔ na wo ne wo nnamfonom a wohyɛɛ wɔn akɔntoro no nyinaa bewuwu na wɔasie mo.’ ”
7Awurade, wodaadaa me na ɛbaa mu saa;
8Bere biara a mɛkasa no, meteɛ mu,
9Sɛ meka se, “Meremmɔ ne din
10Mete asomsɛm bebree sɛ,
11Nanso Awurade ka me ho sɛ dɔmbarima;
12Asafo Awurade! Wo a wosɔ ɔtreneeni hwɛ
13Monto dwom mma Awurade!
14Nnome nka da a wɔwoo me!
15Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya amanneɛ,
16Ma saa onipa no nyɛ sɛ nkurow a
17Sɛ wankum me wɔ awotwaa mu
18Adɛn koraa na mifii awotwaa mu pue