We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

Yeremia 17

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← Yeremia 16 Yeremia Yeremia 18 →

1“Wɔde dadeɛ twerɛdua akrukyire Yuda bɔne,

2Mpo, wɔn mma kae

3Me mmepɔ a ɛwɔ asase no so

4Mo ankasa mfomsoɔ enti, mobɛhwere

5Sei na Awurade seɛ,

6Ɔbɛyɛ sɛ wira a ɛwɔ nsase tamaa so;

7“Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so,

8Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no nsuo ho

9Akoma yɛ nnaadaa sen adeɛ nyinaa

10“Me Awurade, mepɛɛpɛɛ akoma mu

11Sɛdeɛ akokɔhwedeɛ a ɔhwane nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtoeɛ no,

12Animuonyam ahennwa a ɛsi kronkronbea hɔ no firi ahyɛaseɛ no,

13Ao, Awurade, Israel anidasoɔ,

14Sa me yadeɛ Ao, Awurade, na me ho bɛtɔ me;

15Wɔbisa me daa sɛ,

16Mennwane mfirii mʼadwuma sɛ wo dwanhwɛfoɔ;

17Nhunahuna me;

18Ma wɔn a wɔtaa me anim nguase,

19Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kɔgyina nnipa no ɛpono a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛnfirie no; kɔgyina Yerusalem apono a aka no nso ano.

20Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montie Awurade asɛm, Ao Yuda ahemfo ne Yudafoɔ nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem a wɔfa saa apono yi mu.

21Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monhwɛ yie na moansoa nnesoa Homeda anaa moamfa amfa Yerusalem apono mu.

22Monnsoa adesoa mfiri mo afie mu na monnyɛ adwuma biara Homeda, na mmom monyɛ Homeda no kronkron, sɛdeɛ mehyɛɛ mo agyanom no.

23Nanso wɔantie na wɔammu; wɔyɛɛ asoɔden, wɔantie na wɔampɛ ntenesoɔ.

24Nanso sɛ mohwɛ yie na moyɛ ɔsetie ma me a, na moamfa nnesoa amfa saa kuropɔn yi apono mu Homeda, na sɛ moyɛ Homeda no kronkron a monnyɛ adwuma biara a,

25ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ bɛfa saa apono yi mu. Wɔn nyinaa bɛba a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, a Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem ka ho, na nnipa bɛtena kuropɔn yi mu daa nyinaa.

26Nnipa bɛfiri Yuda nkuro ne nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia no aba. Wɔbɛfiri Benyamin asase ne atɔeɛ fam nkokoɔ so. Wɔbɛfiri mmepɔ mantam ne Negeb aba a wɔde ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ, aduane afɔrebɔdeɛ, nnuhwam ne aseda afɔrebɔdeɛ reba Awurade efie.

27Nanso, sɛ moanyɛ ɔsetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apono mu Homeda a, ɛnneɛ mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apono mu na abɛhye nʼaban hodoɔ’, sei na Awurade seɛ.”

← Yeremia 16 Yeremia Yeremia 18 →

Yeremia 17 — akan:

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™