1“Wɔde dade kyerɛwdua akrukyerɛw Yuda bɔne,
2Mpo, wɔn mma kae
3Me mmepɔw a ɛwɔ asase no so,
4Mo ankasa mfomso nti mobɛhwere
5Sɛɛ na Awurade se,
6Ɔbɛyɛ sɛ wura a ɛwɔ nsase tamaa so;
7“Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so,
8Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no asu ho
9Koma yɛ nnaadaa sen ade nyinaa
10“Me Awurade, mepɛɛpɛɛ koma mu
11Sɛnea asɛmɛntɛ a osow nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee no,
12Anuonyam ahengua a wɔama so fi mfiase no,
13Awurade, woyɛ Israel anidaso,
14Sa me yare Awurade, na me ho bɛtɔ me;
15Wobisa me daa sɛ,
16Minnguan mfii mʼadwuma sɛ wo guanhwɛfo ho;
17Nhunahuna me;
18Ma wɔn a wɔtaa me anim ngu ase,
19Sɛɛ na Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kogyina nnipa no pon a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛmfiri no; kogyina Yerusalem apon a aka no nso ano.
20Ka kyerɛ wɔn se, ‘Muntie Awurade asɛm, mo Yuda ahemfo ne Yudafo nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem a wɔfa saa apon yi mu.
21Sɛɛ na Awurade se: Monhwɛ yiye na moansoa nnesoa Homeda anaa moamfa amfa Yerusalem apon mu.
22Monnsoa adesoa mfi mo afi mu na monnyɛ adwuma biara Homeda, na mmom monyɛ Homeda no kronkron, sɛnea mehyɛɛ mo agyanom no.
23Nanso wɔantie na wɔammu; wɔyɛɛ asoɔden, wɔantie na wɔampɛ nteɛso.
24Nanso sɛ mohwɛ yiye na moyɛ osetie ma me a, sɛɛ na Awurade se, na moamfa nnesoa amfa saa kuropɔn yi apon mu Homeda, na sɛ moyɛ Homeda no kronkron a monnyɛ adwuma biara a,
25ɛno de ahemfo a wɔte Dawid ahengua so ne wɔn adwumayɛfo bɛfa saa apon yi mu. Wɔn nyinaa bɛba a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, a Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem ka ho, na nnipa bɛtena kuropɔn yi mu daa nyinaa.
26Nnipa befi Yuda nkurow ne nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia no aba, wobefi Benyamin asase ne atɔe fam nkoko so, wobefi mmepɔw, mantam ne Negeb aba a wɔde ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔ, aduan afɔrebɔde, nnuhuam ne aseda afɔrebɔde reba Awurade fi.
27Nanso sɛ moanyɛ osetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apon mu Homeda a, ɛno de mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apon mu na abɛhyew nʼaban ahorow no.’ ”