We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

Yesaia 38

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← Yesaia 37 Yesaia Yesaia 39 →

1Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Hesekia yaree yarewuo, ɛnna Amos babarima odiyifoɔ Yesaia kɔsraa no. Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ ɔhene no, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Hyɛ wo nsamanseɛ, ɛfiri sɛ, wobɛwu. Wo yadeɛ no rennyae.”

2Ɛberɛ a Hesekia tee asɛm yi, ɔtwaa nʼani hwɛɛ fasuo, bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ,

3“Kae, Ao, Awurade, sɛdeɛ manante wʼanim nokorɛm na mede mʼakoma ayɛ deɛ ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.

4Na saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ sɛ,

5“Sane kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Awurade, wʼagya Dawid Onyankopɔn ka: Mate wo mpaeɛbɔ no, na mahunu wo nisuo. Mede mfeɛ dunum bɛka wo nkwa nna ho.

6Na mɛgye wo ne kuropɔn yi afiri Asiriahene nsam. Mɛbɔ kuropɔn yi ho ban.

7“ ‘Na yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade bɛyɛ de adi ho adanseɛ sɛ, ɔbɛdi ne bɔhyɛ so:

8Mɛma owia ano sunsum atwe akɔ nʼakyi anammɔn edu wɔ Ahas atwedeɛ so.’ ” Ɛno enti, owia hyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn edu.

9Deɛ Yudahene Hesekia twerɛeɛ ne yadeɛ ne nʼayaresa akyi nie:

10Mekaa sɛ, “Mʼasetena mu nnapa yi mu

11Mekaa sɛ, “Merenhunu Awurade Onyankopɔn bio

12Wɔadwiri me fie agu agye afiri me nsam,

13Mede ntoboaseɛ twɛneeɛ kɔsii ahemadakye,

14Mesuiɛ sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn;

15Na ɛdeɛn na mɛtumi aka?

16Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwa

17Aane, ɛyɛ me yieyɛ enti

18Damena rentumi nkamfo wo;

19Ateasefoɔ nko na wɔbɛtumi akamfo wo,

20Awurade bɛgye me nkwa,

21Na Yesaia kaa sɛ, “Momfa borɔdɔma nyɛ nku mfa nsra pɔmpɔ no so, na ne ho bɛyɛ no den.”

22Na Hesekia bisaa sɛ, “Ɛdeɛn nsɛnkyerɛnneɛ na ɛbɛda no adi sɛ mɛkɔ Awurade asɔredan mu?”

← Yesaia 37 Yesaia Yesaia 39 →

Yesaia 38 — akan:

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™