We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

Yesaia 38

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← Yesaia 37 Yesaia Yesaia 39 →

1Saa nna no mu no, Hesekia yaree owuyare, na Amos babarima Odiyifo Yesaia kɔɔ ne nkyɛn kɔkae se, “Sɛnea Awurade se ni: Toto wʼakwan yiye, efisɛ worebewu; na wo ho renyɛ wo den bio.”

2Bere a Hesekia tee asɛm yi, otwaa nʼani hwɛɛ ɔfasu, bɔɔ Awurade mpae se,

3“Kae, Awurade, sɛnea manantew wʼanim nokware mu na mede me koma ayɛ nea ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.

4Na saa asɛm yi fii Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ se,

5“San kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Awurade, wʼagya Dawid Nyankopɔn, ka: Mate wo mpaebɔ no, na mahu wo nisu. Mede mfe dunum bɛka wo nkwanna ho.

6Na megye wo ne kuropɔn yi afi Asiriahene nsam. Mɛbɔ kuropɔn yi ho ban.

7“ ‘Na eyi ne nsɛnkyerɛnne a Awurade bɛyɛ de adi ho adanse sɛ, obedi ne bɔhyɛ so:

8Mɛma owia ano sunsuma atwe akɔ nʼakyi anammɔn du wɔ Ahas antweri so.’ ” Ɛno nti, owiahyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn du.

9Nea Yudahene Hesekia kyerɛw wɔ ne yare ne nʼayaresa akyi ni:

10Mekae se, “Mʼasetena mu nnapa yi mu

11Mekae se, “Merenhu Awurade Nyankopɔn bio

12Wɔadwiriw me fi agu agye afi me nsam,

13Mede ntoboase twɛn kosii ahemadakye,

14Misuu sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn;

15Na dɛn na metumi aka?

16Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwa

17Yiw, ɛyɛ me yiyeyɛ nti

18Ɔda rentumi nkamfo wo;

19Ateasefo nko na wobetumi akamfo wo,

20Awurade begye me nkwa,

21Na Yesaia kae se, “Momfa borɔdɔma nyɛ nku mfa nsra pɔmpɔ no so, na ne ho bɛtɔ no.”

22Na Hesekia bisae se, “Dɛn nsɛnkyerɛnne na ɛbɛda no adi sɛ, mɛkɔ Awurade asɔredan mu?”

← Yesaia 37 Yesaia Yesaia 39 →

Yesaia 38 — akan:

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™