We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

Ɛsra 2

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← Ɛsra 1 Ɛsra Ɛsra 3 →

1Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.

2Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia,2.2 Saa Nehemia yi nyɛ Nehemia a ɔtwerɛɛ Nehemia Nwoma no. Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.

3Dodoɔ a wɔyɛ

4Sefatia abusuafoɔ

5Arah abusuafoɔ

6Pahat-Moab abusuafoɔ (Yesua ne Yoab asefoɔ)

7Elam abusuafoɔ

8Satu abusuafoɔ

9Sakai abusuafoɔ

10Bani abusuafoɔ

11Bebai abusuafoɔ

12Asgad abusuafoɔ

13Adonikam abusuafoɔ

14Bigwai abusuafoɔ

15Adin abusuafoɔ

16Ater abusuafoɔ (Hesekia asefoɔ)

17Besai abusuafoɔ

18Yora abusuafoɔ

19Hasum abusuafoɔ

20Gibar abusuafoɔ

21Betlehemfoɔ

22Netofafoɔ

23Anatotfoɔ

24Asmawetfoɔ

25Kiriat-Yearimfoɔ, Kefirafoɔ ne Beerotfoɔ

26Ramafoɔ ne Gebafoɔ

27Mikmasfoɔ

28Bet-Elfoɔ ne Aifoɔ

29Nebo ɔman mma

30Magbis ɔman

31Elam ɔman mma

32Harim ɔman mma

33Lod, Hadid ne Ono ɔman mma

34Yeriko ɔman mma

35Senaa ɔman mma

36Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:

37Imer abusuafoɔ

38Pashur abusuafoɔ

39Harim abusuafoɔ

40Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:

41Nnwontofoɔ:

42Aponoanohwɛfoɔ:2.42 Na aponoanohwɛfoɔ no yɛ Lewifoɔ a wɔwɛn Asɔredan no kwan ano.

43Asɔredan asomfoɔ:

44Keros, Siaha, Padon asefoɔ,

45Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ,

46Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ,

47Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ,

48Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ,

49Usa, Paseah, Besai asefoɔ,

50Asna, Meunim, Nefus asefoɔ,

51Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,

52Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,

53Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,

54Nesia ne Hatifa.

55Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ:

56Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,

57Sefatia, Hatil,

58Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ

59Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ.

60Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ

61Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa:

62Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ.

63Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.

64Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia (42,360),

65a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson (7,337) nka ho, ne nnwomtofoɔ2.65 Lewifoɔ nnwomtofoɔ no akyi no na nnwomtofoɔ foforɔ bi wɔ hɔ a wɔto nnwom wɔ afahyɛ, awadeɛ ne ayiase. ahanu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmaa.

66Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia (736), mfunumu ahanu aduanan enum (245),

67nyoma ahanan aduasa enum (435) ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔeɛ.

68Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no wɔ ne siberɛ dada mu hɔ.

69Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako (61,000), dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa (3,000) ne asɔfotadeɛ ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfoɔ.

70Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so.

← Ɛsra 1 Ɛsra Ɛsra 3 →

Ɛsra 2 — akan:

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™