We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

Ɛsra 2

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← Ɛsra 1 Ɛsra Ɛsra 3 →

1Eyinom ne Yudafo nnommum a wɔwɔ amantam no mu a wofi asutwa mu baa Yerusalem ne Yuda nkurow bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.

2Na wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia,2.2 Saa Nehemia yi nyɛ Nehemia a ɔkyerɛw Nehemia Nhoma no. Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.

3Dodow a wɔyɛ

4Sefatia asefo

5Arah asefo

6Pahat-Moab asefo (Yesua ne Yoab asefo)

7Elam asefo

8Satu asefo

9Sakai asefo dodow yɛ

10Bani asefo dodow yɛ

11Bebai asefo dodow yɛ

12Asgad asefo dodow yɛ

13Adonikam asefo dodow yɛ

14Bigwai asefo dodow yɛ

15Adin asefo dodow yɛ

16Ater asefo (Hesekia asefo) dodow yɛ

17Besai asefo dodow yɛ

18Yora asefo dodow yɛ

19Hasum asefo dodow yɛ

20Gibar asefo dodow yɛ

21Betlehemfo dodow yɛ

22Netofafo dodow yɛ

23Anatotfo dodow yɛ

24Asmawetfo dodow yɛ

25Kiriat-Yearimfo, Kefirafo ne Beerotfo dodow yɛ

26Ramafo ne Gebafo dodow yɛ

27Mikmasfo dodow yɛ

28Bet-Elfo ne Aifo dodow yɛ

29Nebo ɔmanmma dodow yɛ

30Magbis ɔman dodow yɛ

31Elam ɔmanmma dodow yɛ

32Harim ɔmanmma dodow yɛ

33Lod, Hadid ne Ono manmma dodow yɛ

34Yeriko ɔmanmma dodow yɛ

35Senaa ɔmanmma dodow yɛ

36Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae:

37Imer asefo dodow yɛ

38Pashur asefo dodow yɛ

39Harim asefo dodow yɛ

40Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae:

41Nnwontofo:

42Aponanohwɛfo:2.42 Na aponanohwɛfo no yɛ Lewifo a wɔwɛn Asɔredan no kwan ano.

43Saa asɔredan mu asomfo asefo yi na wofi nnommum mu bae:

44Keros, Siaha, Padon,

45Lebana, Hagaba, Akub,

46Hagab, Samlai, Hanan,

47Gidel, Gahar, Reaia,

48Resin, Nekoda, Gasam,

49Usa, Paseah, Besai,

50Asna, Meunim, Nefisi,

51Bakbuk, Hakufa, Harhur,

52Baslut, Mehida, Harsa,

53Barkos, Sisera, Tema,

54Nesia ne Hatifa.

55Ɔhene Salomo asomfo asefo yi nso fi nnommum mu bae:

56Yaala, Darkon, Gidel,

57Sefatia, Hatil,

58Na asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no dodow yɛ

59Saa bere no, kuw foforo a wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkurow so san baa Yerusalem. Nanso wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafo yɛ Israel asefo.

60Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodow yɛ

61Asɔfo mmusua abiɛsa:

62Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo.

63Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.

64Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360),

65a asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) nka ho, ne nnwontofo2.65 Lewifo nnwontofo no akyi no na nnwontofo foforo bi wɔ hɔ a wɔto nnwom wɔ afahyɛ, aware ne ayi ase. ahannu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmea.

66Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa asia (736), mfurum ahannu aduanan anum (245),

67yoma ahannan aduasa anum (435) ne mfurumpɔnkɔ mpem asia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔe.

68Bere a woduu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofo no bi fii koma pa mu yii ntoboa a wɔde besiesie Awurade asɔredan no wɔ ne sibea dedaw mu hɔ.

69Na ntuanoni biara maa nea obetumi. Akyɛde a wɔde mae no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika nnwetɛbona mpem aduosia baako (61,000), dwetɛ nkaribo pɔn mpem ahansia ahannu aduonum (600,250) na asɔfotade ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfo.

70Enti asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo, asɔredan mu asomfo ne ɔmanmma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem no. Nkae no san kɔɔ Yuda nkurow afoforo bi a wofi hɔ bae no so.

← Ɛsra 1 Ɛsra Ɛsra 3 →

Ɛsra 2 — akan:

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™