1Monyɛ aso, Ao ɔsoro na mɛkasa!
2Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ agu mo so sɛ nsuo;
3Mɛbɔ Awurade din;
4Ɔyɛ Ɔbotan; nʼadwuma yɛ pɛ;
5Nanso wɔayɛ amumuyɛsɛm atia no;
6Saa na ɛsɛ sɛ mo ne Awurade di no?
7Monkae tete nna;
8Ɛberɛ a Ɔsorosoroni kyekyɛɛ nsase maa amanaman,
9Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ yɛ Awurade dea;
10Ɔhunuu wɔn wɔ ɛserɛ asase so
11Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne mma,
12Awurade nko na ɔkyerɛ wɔn ɛkwan.
13Ɔma wɔnante faa nkokoɔ so;
14Ɔde anantwie nufosuo mu sradeɛ ne nnwan nufosuo,
15Nanso, ankyɛre Yeshurun dɔree sradeɛ yɛɛ ahomasoɔ;
16Wɔkanyane ne ninkunutwe, ɛfiri sɛ wɔsomm anyame foforɔ;
17Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ahonhom fi, anyame huhuo,
18Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no.
19Awurade hunuu yei na wɔn ho yɛɛ no nwunu.
20Ɔkaa sɛ, “Mɛgya wɔn hɔ;
21Wɔde anyame foforɔ som akanyane me ninkuntwe;
22Mʼabufuo dɛre sɛ ogya,
23“Mɛhɔre amanehunu wɔ wɔn so
24Mede ɛkɔm kɛseɛ,
25Mmɔntene so no wɔbɛwuwu akofena ano,
26Meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛbɔ wɔn ahwete
27Nanso, mesuroo ɔtamfoɔ fɛdie,
28Israel yɛ ɔman a wɔnni adwene.
29Ao, sɛ wɔnim nyansa a, anka wɔbɛte yei ase!
30Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem,
31Na wɔn botan nte sɛ yɛn Botan,
32Wɔn bobe nyini firi Sodom bobe mu
33Wɔn bobesa yɛ awɔ ano borɔ;
34“Merekora saa nneɛma yi nyinaa,
35Mɛtɔ awere; wɔn a ɛfata wɔn no, ɛbɛtua wɔn so ka.
36Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn
37Ɔbɛbisa sɛ, “Afei wɔn anyame no wɔ he,
38anyame a wɔdii wɔn afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ no
39“Afei, monhunu sɛ, me ara me ne no!
40Afei, mepagya me nsa kyerɛ soro
41Sɛ mese mʼakofena a ɛpa yerɛ yerɛ ano
42Mɛma me bɛmma anom mogya abo,
43Ao ɔsorosoro, mo ne no nni ahurisie,
44Mose ne Nun babarima Hosea baeɛ bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no.
45Mose wiee saa dwom no mu nsɛm no ka no,
46ɔka kaa ho sɛ, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo akoma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛdi emu asɛm biara so sɛ mmara.
47Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ modi so a, mo nkwa nna bɛware wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔtena so no so.”
48Ɛda no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
49“Kɔ Moab, kɔ mmepɔ a ɛwɔ asuo no apueeɛ no so, na foro Nebo bepɔ a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ no.
50Ɛhɔ na wobɛwu wɔ bepɔ no so, na woakɔka wʼagyanom ho, sɛdeɛ wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔ so kɔkaa nʼagyanom ho no.
51Ɛfiri sɛ, mo baanu dii me hwammɔ wɔ Israelfoɔ mu wɔ Meriba ne Kades asuo ho wɔ Sin ɛserɛ so. Moanni me kronkronyɛ ho adanseɛ ankyerɛ Israelfoɔ no wɔ hɔ.
52Ɛno enti, mobɛhunu asase no afiri akyiri, nanso mo nan rensi asase a mede rema Israelfoɔ no so.”