We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

5 Mose 32

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← 5 Mose 31 5 Mose 5 Mose 33 →

1Monyɛ aso, mo ɔsoro na mɛkasa;

2Ma me nkyerɛkyerɛ ntɔ sɛ osu;

3Mɛbɔ Awurade din.

4Ɔne Ɔbotan no, ne nnwuma so nni,

5Porɔwee adidi wɔn mu na wɔnyɛ ne mma;

6Saa ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so tua Awurade ka ni ana,

7Monkae tete nna;

8Bere a Ɔsorosoroni no maa amanaman no agyapade,

9Efisɛ Israelfo yɛ Awurade kyɛfa;

10Ohuu no wɔ sare asase so,

11sɛ ɔkɔre a ɔhwanyan ne berebuw mu

12Awurade nkutoo na ɔkyerɛɛ no kwan;

13Ɔma no nantew faa asase no nkoko so;

14nyɛmmoa mu nufusu ne srade,

15Yeshurun dɔɔ srade na onyaa ahoɔden;

16Wɔma ɔtwee ninkunu wɔ wɔn ananafo anyame no ho

17Wɔbɔɔ afɔre maa atoro anyame a wɔnyɛ Onyankopɔn,

18Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no.

19Awurade huu eyi na ɔpoo wɔn

20Ɔkae se, “Mede mʼanim behintaw wɔn

21Wɔde nea ɛnyɛ Onyame ahyɛ me ninkutwe

22Efisɛ mʼabufuwhyew befita ogya mu,

23“Mɛhɔre amanehunu ahorow no siw wɔ wɔn so

24Mede ɔkɔm kɛse,

25Afoa bɛma wɔahwere wɔn mma wɔ abɔnten so;

26Mekae se mɛbɔ wɔn ahwete

27Nanso misuroo ɔtamfo fɛwdi,

28Israel yɛ ɔman a wonni adwene.

29Sɛ anka wɔyɛ anyansafo na wɔbɛte eyi ase,

30Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem,

31Efisɛ wɔn botan nte sɛ yɛn Botan,

32Wɔn bobe fi Sodom bobe mu

33Wɔn bobesa yɛ awɔ ano bɔre;

34“So menkoraa eyi mmoroso,

35Mɛtɔ were; metua so ka.

36Awurade bebu ne nkurɔfo atɛn

37Obebisa se, “Afei wɔn anyame no wɔ he,

38anyame a wodii wɔn afɔrebɔde mu srade

39“Afei, munhu sɛ, me ara me ne no!

40Mema me nsa so kyerɛ ɔsoro de nidi sua sɛ:

41sɛ mesew me afoa a ɛpa yerɛwyerɛw no

42Mɛma me bɛmma anom mogya abow,

43Mo aman, mo ne ne nkurɔfo nni ahurusi,

44Mose ne Nun babarima Hosea ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no.

45Mose woroo saa dwom no mu nsɛm no kyerɛɛ Israelfo no wiee no,

46ɔka kaa ho se, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo koma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso, sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi saa mmara yi mu nsɛm nyinaa so pɛpɛɛpɛ.

47Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi a wɔde rema mo kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ mudi so a, mubenyin akyɛ wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔfa no so.”

48Da no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,

49“Kɔ Moab, kɔ mmepɔw a ɛwɔ asu no apuei no so, na foro Nebo bepɔw a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfo sɛ wɔn agyapade no.

50Bepɔw a woaforo no so hɔ na wobɛkɔ akɔka wʼagyanom ho, sɛnea wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔw so kɔkaa nʼagyanom ho no.

51Efisɛ mo baanu dii me huammɔ wɔ Israelfo mu wɔ Meriba ne Kades asu ho wɔ Sin sare so. Moanni me kronkronyɛ ho adanse ankyerɛ Israelfo no wɔ hɔ.

52Ɛno nti, mubehu asase no afi akyiri, nanso morenkɔ asase a mede rema Israelfo no so.”

← 5 Mose 31 5 Mose 5 Mose 33 →

5 Mose 32 — akan:

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™