1Yei akyi, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔfiri ɔsoro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛseɛ na nʼanimuonyam hyerɛn asase so nyinaa.
2Ɔteaam dendeenden sɛ,
3Ɔde ne nsã a ɛyɛ nʼadwamammɔ a
4Afei, metee nne foforɔ bi a ɛfiri ɔsoro ka sɛ,
5Ɛfiri sɛ, wɔahyehyɛ ne bɔne atoatoa abɛduru soro,
6Sɛdeɛ ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ;
7Momma nʼayayadeɛ ne nʼawerɛhoɔ nnɔɔso
8Yei enti, nʼamanehunu a ɛyɛ yadeɛ
9“Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ adwaman, dii dɛ no hunu hye a wɔrehye no no wisie a, wɔbɛsu atwa agyaadwoɔ.
10Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ enti, wɔbɛgyina akyiri asu sɛ,
11“Adwadifoɔ a wɔwɔ asase so nso su no ɛfiri sɛ, obiara ntɔ wɔn nneɛma bio.
12Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, ne aboɔden aboɔ ne nhweneɛ pa, ne nwera pa ne ntoma afasebire ne serekye ne tam kɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ hwam nyinaa ne asonse adwinneɛ nyinaa, ne adwinneɛ a wɔde nnua a ɛwɔ din ayɛ, ne ayowaa ne dadeɛ ne abohemaa,
13ne pɛperɛ ne mmorɔngo, ne nnuhwam ne kurobo, ne hwamfufuo ne nsã ne ngo, ne asikyiresiam muhumuhu ne ayuo, ne nyɛmmoa ne nnwan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra.
14“Adwadifoɔ no bɛka sɛ, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛeɛ no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanimuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’
15Adwadifoɔ a wɔnyaa wɔn ho wɔ kuro no mu no bɛgyina akyirikyiri ɛfiri sɛ, wɔsuro amanehunu a ɔrehunu no. Wɔbɛsu na wɔatwa agyaadwoɔ,
16na wɔaka sɛ:
17Dɔnhwere pɛ, na saa ahonya dodoɔ yi asɛe.’
18Wɔsuiɛ wɔ ɛberɛ a wɔhunuu ogya a ɛrehyeɛ no wisie no, wɔteam ka sɛ ‘Kuropɔn biara a ne kɛseɛ te sɛi mmaa da.’ ”
19Wɔtoo mfuturo guu wɔn atifi na wɔsu twaa agyaadwoɔ sɛ,
20“Ma wʼani nnye ne ho. Ao, ɔsoro!
21Afei, ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa ɛboɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ sɛ owiyammoɔ to twenee ɛpo mu kaa sɛ,
22Wɔrente sankubɔfoɔ ne nnwomtofoɔ, atɛntɛbɛnbɔfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ nka bio wɔ mo mu.
23Kanea hann
24Wɔ ne mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔ