1Eyi akyi no, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi ɔsoro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛse na nʼanuonyam hyerɛn wɔ asase so nyinaa.
2Ɔteɛɛ mu denneennen se,
3Ɔde ne nsa a ɛyɛ nʼaguamammɔ a
4Afei metee sɛ nne foforo bi a efi ɔsoro reka se,
5Efisɛ wɔahyehyɛ ne bɔne sɛ soro tenten,
6Sɛnea ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ;
7Momma nʼayayade ne nʼawerɛhow nnɔɔso
8Eyi nti, nʼamanehunu a ɛyɛ ɔyare,
9“Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ aguaman, dii dɛ no hu hye a wɔrehyew no no wusiw a, wobesu atwa agyaadwo.
10Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ nti, wobegyina akyiri asu se,
11“Aguadifo a wɔwɔ asase so nso su no, efisɛ obiara ntɔ wɔn nneɛma bio.
12Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, aboɔden abo ne nhene pa, nwera pa ne ɔtamkɔkɔɔ ne sirikyi ne tamkɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ huam nyinaa ne asonse adwinne nyinaa, adwinne a wɔde nnua a ne bo yɛ den ayɛ, asanka ne dade ne abohemaa,
13ne pɛprɛ ne mmorɔngo, nnuhuam ne kurobow, huamfufu ne nsa ne ngo, asikresiam muhumuhu ne awi, nyɛmmoa ne nguan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra.
14“Aguadifo no bɛka se, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛe no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’
15Aguadifo a wonyaa wɔn ho wɔ kurow no mu no begyina akyirikyiri efisɛ wosuro amane a ɔrehu no. Wobesu na wɔatwa agyaadwo,
16na wɔaka se:
17Dɔnhwerew pɛ, na saa ahonya dodow yi asɛe.’
18Wosui wɔ bere a wohuu ogya a ɛrehyew no wusiw no, wɔteɛɛ mu kae se ‘Kuropɔn biara a ne kɛse te sɛɛ mmaa da.’ ”
19Wɔbɛtow mfutuma agu wɔn atifi na wɔasu, atwa agyaadwo se,
20“Momma mo ani nnye wɔ ne ho, mo ɔsorofo!
21Afei, ɔbɔfo hoɔdenfo bi faa ɔbo a ne kɛse bɛyɛ sɛ awiyammo tow kyenee po mu kae se,
22Wɔrente sankubɔfo ne nnwontofo, atɛntɛbɛnhyɛnfo ne torobɛntohyɛnfo nka wɔ mu bio.
23Kanea hann
24Ne mu na wohuu adiyifo ne ahotefo