1Na wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔsii ntomadan sononko bi a Dawid asiesie mu, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ Onyankopɔn anim.
2Dawid wieeɛ no, ɔhyiraa nnipa no wɔ Awurade din mu.
3Na ɔkyɛɛ Israelfoɔ mmaa ne mmarima nyinaa aduane. Obiara nyaa burodo mua, nankum ne bobe aba ɔfam.
4Dawid yii saa Lewifoɔ yi sɛ wɔnni nnipa no anim wɔ ɔsom mu, wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔmfa so nsrɛ ne nhyira, na wɔnna Awurade, Israel Onyankopɔn ase na wɔnkamfo no.
5Asaf a na ɔda kuo yi ano no bɔɔ kyankyan no. Na nʼabadiakyirefoɔ yɛ Sakaria a ɔtɔ so mmienu, afei, Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten.
6Asɔfoɔ Benaia ne Yahasiel taa bɔ ntotorobɛnto wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no anim.
7Saa ɛda no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma Awurade yi maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ:
8Ɛda Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.
9Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no;
10Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;
11Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;
12Monkae anwanwadeɛ a wayɛ,
13Ao Israel mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ,
14Ɔyɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn;
15Ɔkae nʼapam daa nyinaa,
16Yei ne apam a ɔne Abraham yɛeɛ
17Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,
18“Mede Kanaan asase no bɛma wo
19Ɔkaa yei wɔ ɛberɛ a na wɔnnɔɔso,
20Wɔfirii aman so kɔɔ aman so,
21Nanso, wamma obi anhyɛ wɔn so;
22“Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo,
23Momma asase nyinaa nto dwom mma Awurade!
24Mommɔ nʼanimuonyam nneyɛɛ ho dawuro wɔ amanaman mu.
25Awurade yɛ kɛseɛ! Na ɔfata ayɛyie!
26Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa,
27Animuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia,
28Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo,
29Momfa animuonyam a ɛfata mma Awurade!
30Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim.
31Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛ ne ho!
32Momma ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa nteam nkamfo no.
33Momma kwaeɛm nnua nnyegyeeɛ
34Monna Awurade ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ
35Monteateam sɛ, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn!
36Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn,
37Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfoɔ Lewifoɔ no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ deɛ ɛhia sɛ wɔyɛ no da biara.
38Saa ekuo yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifoɔ aduosia nwɔtwe a wɔyɛ apono anohwɛfoɔ.
39Dawid de ɔsɔfoɔ Sadok ne ne mfɛfoɔ asɔfoɔ tenaa Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ bepɔ Gibeon mu no, sɛ wɔnsom Awurade anim wɔ hɔ.
40Anɔpa ne anwummerɛ biara, wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a wɔayi asi hɔ ama saa dwumadie no so. Na wɔdii biribiara a wɔatwerɛ sɛ Awurade mmara a ɔde ama Israel no so.
41Dawid sane yii Heman, Yedutun ne afoforɔ bi a wɔbobɔɔ wɔn din, yiyii wɔn no sɛ, wɔnna Awurade ase “Na nʼadɔeɛ no tim hɔ daa.”
42Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntotorobɛnto, kyankyan ne nnwontodeɛ ahodoɔ de gyegyee ayɛyie nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na wɔyii Yedutun mmammarima maa wɔyɛɛ apono anohwɛfoɔ.
43Na nnipa no nyinaa sane kɔɔ wɔn afie mu. Dawid nso sane kɔɔ ne fie, kɔhyiraa ne fiefoɔ.