1Na wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kosii ntamadan sononko bi a Dawid asiesie mu, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ Onyankopɔn anim.
2Dawid wiee no, ohyiraa nkurɔfo no wɔ Awurade din mu.
3Na ɔkyɛɛ Israelfo mmea ne mmarima nyinaa aduan. Obiara nyaa brodo mua, namkum ne bobe aba ɔfam.
4Dawid yii saa Lewifo yi sɛ wonni nnipa no anim wɔ ɔsom mu, wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔmfa so nsrɛ ne nhyira, na wɔnna Awurade, Israel Nyankopɔn ase na wɔnkamfo no.
5Asaf a na ɔda kuw yi ano no bɔɔ kyɛnkyɛn no. Na nʼabediakyirifo yɛ Sakaria a ɔto so abien, afei Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten.
6Na Asɔfo Benaia ne Yahasiel taa bɔ ntorobɛnto wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no anim.
7Saa da no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma Awurade yi maa Asaf ne ne mfɛfo Lewifo:
8Da Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.
9Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no;
10Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;
11Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;
12Monkae anwonwade a wayɛ,
13Mo Israelmma, Onyankopɔn somfo,
14Ɔyɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn;
15Ɔkae nʼapam daa nyinaa,
16Eyi ne apam a ɔne Abraham yɛe
17Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,
18“Mede Kanaan asase no bɛma wo
19Ɔkaa eyi bere a na wɔnnɔɔso,
20Wofii aman so kɔɔ aman so,
21Nanso wamma obi anhyɛ wɔn so;
22“Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo,
23Momma asase nyinaa nto dwom mma Awurade!
24Mommɔ nʼanuonyam nneyɛe ho dawuru wɔ amanaman mu.
25Awurade yɛ ɔkɛse! Na nkamfo fata no!
26Aman so anyame nyinaa yɛ ahoni bi kwa,
27Anuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia,
28Momfa mma Awurade, Amanaman mmusuakuw,
29Momfa anuonyam a ɛfata mma Awurade!
30Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim.
31Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛw ne ho!
32Momma ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa nteɛ mu nkamfo no.
33Momma kwae nnua nnyigyei
34Monna Awurade ase, efisɛ oye
35Monteɛteɛ mu se, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagye Onyankopɔn!
36Ayeyi nka Awurade, Israel Nyankopɔn,
37Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfo Lewifo no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ nea ehia sɛ wɔyɛ no da biara.
38Saa kuw yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifo aduosia awotwe a wɔyɛ apon ano hwɛfo.
39Dawid de ɔsɔfo Sadok ne ne mfɛfo asɔfo tenaa Awurade Ahyiae Ntamadan a ɛwɔ bepɔw Gibeon no, sɛ wɔnsom wɔ Awurade anim wɔ hɔ.
40Anɔpa ne anwummere biara, wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka a wɔayi asi hɔ ama saa dwumadi no so. Na wodii biribiara a wɔakyerɛw sɛ Awurade mmara a ɔde ama Israel no so.
41Dawid san yii Heman, Yedutun ne afoforo bi a wɔbobɔɔ wɔn din, yiyii wɔn no sɛ wɔnna Awurade ase “Na nʼadɔe no tim hɔ daa.”
42Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntorobɛnto, kyɛnkyɛn ne nnwontode ahorow de gyigyee ayeyi nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na woyii Yedutun mmabarima ma wɔyɛɛ apon ano hwɛfo.
43Na nnipa no nyinaa san kɔɔ wɔn afi mu. Dawid nso san kɔɔ ne fi, kohyiraa ne fifo.