1“Saa bere no,” Awurade na ose, “Mɛyɛ Israel mmusuakuw no nyinaa Nyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfo.”
2Nea Awurade se ni:
3Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kan no na ɔkae se,
4Mede mo besi hɔ bio
5Bio, mobɛyɛ bobe nturo
6Da bi bɛba a, awɛmfo bɛteɛ mu
7Nea Awurade se ni:
8Hwɛ, mede wɔn befi atifi fam asase so aba
9Wɔde osu na ɛbɛba;
10“Muntie Awurade asɛm, mo amanaman;
11Na Awurade begyina mu ama Yakob
12Wɔbɛba na wɔde ahurusi ateɛ mu wɔ Sion sorɔnsorɔmmea;
13Afei mmabaa bɛsaw na wɔn ani agye,
14Mɛma asɔfo no nea ehia wɔn ama abu so,
15Sɛɛ na Awurade se:
16Sɛɛ na Awurade se:
17Enti anidaso wɔ hɔ ma wo daakye.”
18“Ampa ara mate sɛ Efraim resu se,
19Meman akyi no,
20Efraim nyɛ me babarima dɔfo,
21“Momfa agyiraehyɛde nsisi akwan ho;
22Wubekyinkyin akosi da bɛn,
23Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se: “Sɛ mesan de wɔn fi nnommum mu ba a, nnipa a wɔwɔ Yuda asase ne nkurow so bɛsan aka saa nsɛm yi se, ‘Awurade nhyira wo, wo yiyeyɛ kuropɔn ne bepɔw kronkron.’
24Nnipa bɛbɔ mu atena ase wɔ Yuda ne ne nkurow nyinaa so, akuafo ne wɔn a wɔde wɔn nguankuw nenam.
25Mɛma nea wabrɛ no anya ahoɔden foforo, na nea watɔ piti no nso mɛma no amee.”
26Minyanee, na mehwɛɛ me ho hyiae. Medaa hatee.
27“Nna bi reba,” Awurade na ose, “A mede nnipa mma ne mmoa mma bedua Israel ne Yuda fi.
28Sɛnea mehwɛ ma wotutui, wodwiriwii, wobubui, wɔsɛee na wɔde amanehunu bae no, saa ara na mɛhwɛ ama wɔasi na wɔadua,” sɛnea Awurade se ni.
29Saa nna no mu, nnipa renka bio se,
30Mmom, obiara bewu wɔ ɔno ara bɔne ho; nea obedi bobe nwennaa no ɔno na ne se bɛfem.
31“Bere no reba,” Awurade na ose,
32Ɛrenyɛ sɛ apam a
33“Eyi ne apam a me ne Israelfi bɛyɛ saa bere no akyi,”
34Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio,
35Sɛɛ na Awurade se,
36“Saa ahyɛde yi twa mu mʼani so a,”
37Sɛɛ na Awurade se:
38“Nna no reba,” Awurade na ose, “a wɔbɛkyekye kuropɔn yi bio ama me, fi Hananel abantenten kosi Twɔtwɔw so Pon.
39Wɔbɛtwe susuhama no mu, afi hɔ de akosi Gareb koko so, na akɔntɔn akɔ Goa.
40Obon a wɔtow afunu ne nsõ gu mu no nyinaa ne asase a ɛkɔ Kidron bon mu wɔ apuei fam, kosi apɔnkɔ pon no twɔtwɔw so bɛyɛ kronkron ama Awurade. Wɔrentutu na wɔrensɛe kuropɔn no da.”