1Asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ ni:
2“Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, se: ‘Kyerɛw nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nhoma mu.
3Nna bi reba,’ sɛnea Awurade se, ‘a mede me nkurɔfo Israelfo ne Yudafo befi nnommum mu asan aba na mede wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so no so,’ Awurade na ose.”
4Eyi ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho:
5“Nea Awurade se ni:
6Mummisa na munhu:
7Sɛnea da no bɛyɛ hu afa!
8“ ‘Saa da no,’ Asafo Awurade na ose,
9Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Nyankopɔn
10“ ‘Enti nsuro, Yakob, me somfo;
11Me ne wo wɔ hɔ na megye wo nkwa,’
12“Sɛɛ na Awurade se:
13Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo,
14Wʼapamfo nyinaa werɛ afi wo;
15Adɛn nti na wusu dennen wɔ wʼapirakuru,
16“ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo;
17Nanso mɛma wo ahoɔden bio
18Sɛɛ na Awurade se:
19Wɔn mu na aseda nnwom befi aba
20Wɔn mma bedi yiye sɛ kan no,
21Wɔn kannifo bɛyɛ wɔn ankasa nipa;
22“ ‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfo,
23Hwɛ, Awurade ahum
24Awurade abufuw rennwo