1Ao Awurade, wo mu na me dwane hinta;
2Wo tenenee no enti, yi me na gye me;
3Yɛ me nkwagyeɛ botan
4Ao me Onyankopɔn, gye me firi amumuyɛfoɔ nsam,
5Na woayɛ mʼanidasoɔ, Ao Asafo Awurade,
6Ɛfiri awoɔ mu, mede me ho ato wo so;
7Mayɛ nhwɛsodeɛ ama bebree,
8Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma,
9Nto me ntwene ɛberɛ a mabɔ akɔkoraa;
10Ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ kasa tia me
11Wɔka sɛ, “Onyankopɔn agya no mu;
12Ao Onyankopɔn, mfiri me nkyɛn nkɔ akyiri;
13Ma wɔn a wɔbɔ me soboɔ no nsɛe animguaseɛ mu;
14Nanso me deɛ, mɛnya anidasoɔ daa;
15Mɛka wo tenenee ho asɛm,
16Ao Otumfoɔ Awurade, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛseɛ no;
17Ao Onyankopɔn, ɛfiri mʼababunu berɛ na wokyerɛkyerɛɛ me,
18Mpo sɛ mebɔ akɔkoraa na mefu dwono a,
19Ao Onyankopɔn, wo tenenee duru sorosoro,
20Mmom woama mahunu ɔhaw bebree a ɛyɛ yea;
21Wobɛhyɛ me animuonyam bebree
22Mede sankuo bɛkamfo wo
23Mʼanofafa de anigyeɛ bɛteam
24Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee nnwuma