We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

Nnwom 119

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← Nnwom 118 Nnwom Nnwom 120 →

1Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ

2Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛdeɛ,

3Wɔnnyɛ mfomsoɔ biara;

4Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ

5Ao sɛ mʼakwan bɛyɛ tee

6Sɛ mehwɛ wʼahyɛdeɛ no a

7Mede akoma a emu teɛ bɛkamfo wo

8Mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm so;

9Aberanteɛ bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho ate?

10Mede mʼakoma nyinaa hwehwɛ wo;

11Mede wʼasɛm asie mʼakoma mu

12Ao Awurade, nkamfo wɔ wo;

13Mede mʼano ka mmara

14Mʼani gye sɛ medi wʼahyɛdeɛ so

15Medwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho

16Mʼani gye wo ɔhyɛ nsɛm ho;

17Yɛ wo ɔsomfoɔ yie;

18Bue mʼani na menhunu anwanwadeɛ a

19Meyɛ ɔnanani wɔ asase so;

20Me kra tɔ baha ɛberɛ biara

21Woka ahantanfoɔ anim, wɔn a wɔadome wɔn,

22Yi kasatia ne animtiabuo firi me mu,

23Ɛwom sɛ sodifoɔ hyia di me ho nsekuro,

24Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼanigyedeɛ

25Woabrɛ me ase ma meda mfuturo mu.

26Mesesee mʼakwan na wogyee me so;

27Ma mente deɛ ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase;

28Awerɛhoɔ ama me ɔkra atɔ baha;

29Yi me firi nnaadaa akwan so;

30Mafa nokorɛ kwan no so;

31Ao Awurade, mekura wo nkyerɛkyerɛ mu denden

32Metu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so,

33Kyerɛkyerɛ me, Ao Awurade, na menni wo ɔhyɛ nsɛm so,

34Ma me nteaseɛ, na mɛdi wo mmara so,

35Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan no

36Dane mʼakoma kɔ wʼahyɛdeɛ ho

37Yi mʼani firi nneɛma hunu so;

38Di ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no so,

39Yi animguaseɛ a ɛbɔ me hu no firi hɔ,

40Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no!

41Ao Awurade, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so,

42Afei, mɛbua deɛ ɔyi me ahi no,

43Nyi nokwasɛm no mfiri mʼanom,

44Mɛdi wo mmara so ɛberɛ biara

45Mede ahofadie bɛnante

46Mɛka wʼahyɛdeɛ ho asɛm wɔ ahemfo anim

47ɛfiri sɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho

48Mede anidie ma wo mmaransɛm a medɔ no,

49Kae asɛm a woaka akyerɛ wo ɔsomfoɔ,

50Mʼawerɛkyekyerɛ wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ:

51Ahantanfoɔ bu me animtia bebree,

52Ao Awurade mekae wo tete mmara no,

53Abufuo hyɛ me ma, ɛsiane amumuyɛfoɔ

54Wo ɔhyɛ nsɛm yɛ me dwom tiban

55Ao Awurade, anadwo mekae wo din,

56Yei ne adeɛ a meyɛ da biara,

57Ao Awurade, wone me kyɛfa;

58Mede mʼakoma nyinaa ahwehwɛ wo;

59Madwene mʼakwan ho

60Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛn

61Ɛwom sɛ amumuyɛfoɔ de ahoma kyekyere me

62Ɔdasuom, mesɔre de wʼaseda ma wo

63Meyɛ wɔn a wɔsuro woɔ nyinaa adamfo,

64Ao Awurade, wʼadɔeɛ ahyɛ asase so ma;

65Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no yie

66Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmuo pa,

67Ansa na merebɛhunu amane no, mefomm ɛkwan,

68Woyɛ, na deɛ woyɛ nso yɛ;

69Ahantanfoɔ de atorɔ afɔre me ho,

70Wɔn akoma yɛ den na wɔnni tema,

71Ɛyɛ sɛ mehunuu amane

72Mmara a ɛfiri wʼanomu no som bo ma me

73Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwonoo me;

74Sɛ wɔn a wɔsuro wo no hunu me a, ma wɔn ani nnye,

75Ao Awurade, menim sɛ wo mmara tene,

76Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da nkyekyere me werɛ

77Ma wʼayamhyehyeɛ mmra me so, na mennya nkwa,

78Ma ahantanfoɔ ani nwu wɔ bɔne a wɔyɛɛ me,

79Ma wɔn a wɔsuro wo no mmra me nkyɛn,

80Ma mʼakoma nnya bembuo wɔ wo ɔhyɛ nsɛm ho,

81Wo nkwagyeɛ ho anigyina ama me ɔkra atɔ baha,

82Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu;

83Ɛwom sɛ mete sɛ nsã kotokuo a ɛsɛn wisie ano deɛ,

84Wo ɔsomfoɔ ntwɛn nkɔsi da bɛn?

85Ahantanfoɔ atu amena de asum me afidie,

86Wo mmaransɛm nyinaa mu wɔ ahotosoɔ;

87Ɛkaa kakra bi na wɔyi me firi asase so,

88Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ,

89Ao Awurade, wʼasɛm no tim hɔ daa;

90Wo nokorɛdie kɔ so wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu;

91Wo mmara wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ,

92Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a,

93Me werɛ remfiri wo nkyerɛkyerɛ no,

94Gye me nkwa, na meyɛ wo dea;

95Amumuyɛfoɔ retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me,

96Mahunu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ deɛ ɛkɔpem;

97Ao medɔ wo mmara no!

98Wo mmaransɛm ma me hunu nyansa sene mʼatamfoɔ,

99Mewɔ nhunumu sene mʼakyerɛkyerɛfoɔ nyinaa,

100Mewɔ nteaseɛ sene mpanimfoɔ,

101Memfaa me nan nsii ɛkwan bɔne biara so

102Memmane memfirii wo mmara ho,

103Wo nsɛm yɛ me dɛ,

104Menya nteaseɛ firi wo nkyerɛkyerɛ mu;

105Wʼasɛm yɛ me nan ase kanea

106Maka ntam ahyɛ mu kena sɛ

107Mahunu amane bebree;

108Ao Awurade, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a ɛfiri me pɛ mu,

109Ɛwom sɛ daa metoto me nkwa ase,

110Amumuyɛfoɔ asum me afidie

111Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼagyapadeɛ afebɔɔ;

112Mʼakoma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm so

113Mekyiri nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta,

114Wone me dwanekɔbea ne me kyɛm;

115Momfiri me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ,

116Wowa me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ, na mɛtena nkwa mu;

117Sɔ me mu, na menya nkwagyeɛ;

118Wopo wɔn a wɔfom wo ɔhyɛ nsɛm nyinaa,

119Woyi amumuyɛfoɔ nyinaa si nkyɛn sɛ dadeben;

120Wo ho suro ma me ho popo;

121Mayɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ.

122Hwɛ ma wo ɔsomfoɔ nni yie;

123Mahwɛ wo nkwagyeɛ anim ama mʼani abu,

124Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ

125Meyɛ wo ɔsomfoɔ; ma me nhunumu

126Ao Awurade, ɛberɛ aso sɛ woyɛ biribi;

127Esiane sɛ medɔ wo mmaransɛm

128na medwene sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa yɛ enti

129Wʼahyɛdeɛ yɛ nwanwa;

130Wo nsɛm ase teɛ ma hann;

131Mebue mʼanom na megu ahome,

132Dane wʼani hwɛ me na hunu me mmɔbɔ

133Tutu mʼanammɔn sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.

134Gye me firi nnipa nhyɛsoɔ mu,

135Ma wʼanim nhyerɛn wo ɔsomfoɔ so

136Nisuo adware me sɛ asutene

137Ɔteneneeni ne wo, Ao Awurade,

138Ahyɛdeɛ a woayɛ no tene;

139Abufuo ahyɛ me ma,

140Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahodoɔ no ahwɛ pa ara,

141Ɛwom sɛ mennka hwee na memfra deɛ,

142Wo tenenee wɔ hɔ daa

143Ɔhaw ne ahohiahia aduru me,

144Wʼahyɛdeɛ yɛ nokorɛ daa;

145Ao Awurade, mede mʼakoma nyinaa mefrɛ wo, gye me so,

146Mesu mefrɛ wo, gye me nkwa

147Mesɔre anɔpahema, na mesu pɛ mmoa;

148Mʼani gu so anadwo nyinaa,

149Tie me nne sɛdeɛ wʼadɔeɛ no teɛ;

150Wɔn a wɔhyehyɛ atirimuɔdensɛm no abɛn,

151Ao Awurade, wo deɛ, wobɛn me,

152Mmerɛ bi a atwam no, mesuaa wʼahyɛdeɛ

153Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa

154Di mʼasɛm ma me na gye me.

155Nkwagyeɛ ne atirimuɔdenfoɔ ntam kwan ware,

156Ao Awurade, wʼayamhyehyeɛ yɛ kɛseɛ;

157Atamfoɔ a wɔteetee me dɔɔso,

158Mehwɛ wɔn a wɔnni gyidie no a, wɔn ho yɛ me nwunu,

159Hwɛ sɛdeɛ mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho;

160Wo nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ;

161Sodifoɔ taataa me kwa,

162Mʼani gye wo bɔhyɛ ho

163Mekyiri nkontompo

164Mekamfo wo mprɛnson da biara

165Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoeɛ mmoroso,

166Ao Awurade, metwɛn wo nkwagyeɛ,

167Medi wʼahyɛdeɛ so

168Medi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛdeɛ so,

169Ao Awurade, ma me sufrɛ nnuru wʼanim;

170Ma me nkotosrɛ nnuru wʼanim;

171Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma;

172Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom,

173Yɛ ahoboa bɛboa me,

174Ao Awurade, mʼani agyina wo nkwagyeɛ,

175Ma me ntena nkwa mu na matumi akamfo wo,

176Mafom ɛkwan sɛ odwan a wayera.

← Nnwom 118 Nnwom Nnwom 120 →

Nnwom 119 — akan:

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™