We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

4 Mose 24

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← 4 Mose 23 4 Mose 4 Mose 25 →

1Afei, Balaam hunuu sɛ Awurade pɛ sɛ ɔhyira Israel. Yei enti, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔtaa yɛ no. Na mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ ɛserɛ no so,

2hunuu sɛ Israelfoɔ mmusuakuo no abobɔ wɔn atenaeɛ. Afei, Onyankopɔn honhom baa ne so,

3na yei ne nkɔmhyɛ a ɔmaaeɛ:

4deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm;

5“Ao Yakob, mo ntomadan yɛ fɛ,

6“Ɛsam mʼanim te sɛ mmɛfuo,

7Wɔbɛnya nsuo bebree.

8“Onyankopɔn de wɔn firi Misraim aba;

9Israel butu hɔ sɛ gyata;

10Ɔhene Balak bo fuu Balaam. Ɔde Abufuo bɔɔ ne nsam guu ne so teaam sɛ, “Mefrɛɛ wo sɛ bɛdome, mʼatamfoɔ nanso woahyira wɔn mprɛnsa.

11Firi me so kɔ! Sane kɔ wo nkyi! Meyɛɛ mʼadwene sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, nanso, Awurade de akame wo!”

12Balaam buaa no sɛ, “Wonkae asɛm a meka kyerɛɛ wʼasomafoɔ no? Mekaa sɛ,

13‘Sɛ Balak ma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ hɔ ma koraa a, menni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade apɛdeɛ.’ Meka kyerɛɛ wo sɛ asɛm a Awurade aka no nko ara na mɛka.

14Afei, meresane akɔ me nkurɔfoɔ nkyɛn. Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma menka deɛ Israelfoɔ no bɛyɛ wo nkurɔfoɔ daakye no nkyerɛ wo.”

15Yei ne nkɔmhyɛ a Balaam de maeɛ:

16deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm;

17“Mɛhunu no, nanso ɛnyɛ seesei;

18Wɔbɛfa Edom,24.18 Edomfoɔ yɛ Esau asefoɔ.

19Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob mu

20Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfoɔ fie hyɛɛ nkɔm sɛ,

21Afei, ɔhwɛɛ Kenifoɔ hyɛɛ nkɔm sɛ,

22Nanso, wɔbɛsɛe Kenifoɔ

23Nsɛm a ɔde wiee ne nkɔmhyɛ no ne sɛ:

24Ahyɛn bɛfiri Kipro mpoano aba

25Enti, Balaam ne Balak sane kɔɔ wɔn kurom.

← 4 Mose 23 4 Mose 4 Mose 25 →

4 Mose 24 — akan:

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™