1Na Hiob kasaa bio sɛ:
2“Aane, menim sɛ yei yɛ nokorɛ.
3Sɛ obi pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn yiyi a,
4Ne nyansa mu dɔ, na ne tumi so.
5Ɔtutu mmepɔ a wɔnnim ho hwee
6Ɔwoso asase firi ne siberɛ,
7Ɔkasa kyerɛ owia na ɛnhyerɛn,
8Ɔno nko ara na ɔtrɛ ɔsoro mu,
9Ɔno ne Nwenwenente, Akokɔbaatan ne ne mma Yɛfoɔ;
10Ɔyɛ anwanwadeɛ a wɔntumi nte aseɛ,
11Sɛ ɔnam me ho a, menhunu no;
12Sɛ ɔhwim kɔ a, hwan na ɔsi no kwan?
13Onyankopɔn nkora nʼabufuo so;
14“Na me ne hwan a me ne no bɛyiyi?
15Sɛ menim mpo a, merentumi nyi nʼano;
16Mpo, sɛ mefrɛ no na ɔba a,
17Ɔde asorɔkye bɛdwerɛ me
18Ɔremma menya mʼahome, bio.
19Sɛ ɛba no ahoɔden a, ɔyɛ ɔhoɔdenfoɔ!
20Sɛ medi bem mpo a, mʼano bɛbu me kumfɔ;
21“Ɛwom sɛ medi bem deɛ,
22Ne nyinaa yɛ pɛ; ɛno enti na meka sɛ,
23Ɛberɛ a amanehunu de owuo aba no,
24Ɛberɛ a asase akɔ amumuyɛfoɔ nsam no,
25“Me nna ho yɛ herɛ sene ommirikatufoɔ;
26Ɛtwam kɔ sɛ akodoɔ a wɔde paparɔs ayɛ
27Sɛ meka sɛ, ‘Me werɛ mfiri mʼanwiinwii,
28me yea ahodoɔ no bɔ me hu ara.
29Woabu me fɔ dada enti,
30Mpo sɛ ɛba sɛ mede samina dware
31wobɛto me atwene atɛkyɛ amena mu,
32“Ɔnyɛ onipa te sɛ me na mayi nʼano,
33Sɛ anka obi wɔ hɔ a ɔbɛsiesie yɛn ntam
34obi a ɔbɛyi Onyankopɔn abaa afiri me so,
35anka mɛkasa a merensuro no,