1Na Hiob buaa sɛ,
2“Montie me nsɛm no yie.
3Monnya ntoboaseɛ mma me ɛberɛ a merekasa,
4“Me nwiinwii hyɛ onipa anaa?
5Monhwɛ me, na mo ho nnwiri mo;
6Sɛ medwene yei ho a, mebɔ hu;
7Adɛn enti na amumuyɛfoɔ tena nkwa mu?
8Wɔhunu wɔn mma a atwa wɔn ho ahyia no nkɔsoɔ,
9Ɔhaw nni wɔn afie na ehu nni hɔ;
10Wɔn anantwinini nyɛ akrawa;
11Wɔka wɔn mma bɔ mu te sɛ nnwankuo;
12Wɔto nnwom wɔ akasaeɛ ne sankuo so;
13Wɔdi yie wɔn nkwanna mu
14Nanso wɔka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Firi yɛn so!
15Hwan ne otumfoɔ no a ɛsɛ sɛ yɛsom no?
16Nanso, wɔn nkɔsoɔ no nni wɔn nsam,
17“Nanso mpɛn ahe na wɔdum amumuyɛfoɔ kanea?
18Mpɛn ahe na wɔyɛ sɛ ɛserɛ wɔ mframa ano,
19Wɔka sɛ, ‘Onyankopɔn kora onipa asotwe so de twɛn ne mma.’
20Ma wɔn ankasa ani nhunu wɔn sɛeɛ;
21Wɔn abusuafoɔ a wɔagya wɔn akyire no renya hwee
22“Obi bɛtumi akyerɛ Onyankopɔn nyansa,
23Obi wu wɔ ɛberɛ a ɔwɔ ahoɔden;
24na ne onipadua yɛ frɔmm,
25Ɔfoforɔ nso de ɔkra mu yeadie wu,
26Wɔsie wɔn nyinaa wɔ mfuturo korɔ mu,
27“Mahunu mo adwene,
28Mopɛ sɛ moka kyerɛ me sɛdeɛ asikafoɔ ne amumuyɛfoɔ,
29Nanso mommisa wɔn a wɔtu kwan;
30onipa bɔne nya ne ti didi mu amanehunu da,
31Hwan na ɔtumi kasa nʼanim?
32Wɔsoa no kɔ damena mu,
33Bɔnhwa mu dɔteɛ yɛ no dɛ;
34“Enti ɛbɛyɛ dɛn na mode mo nsɛnhunu akyekyere me werɛ?