We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

Yeremia 9

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← Yeremia 8 Yeremia Yeremia 10 →

1Ao, sɛ me etiri yɛ asutire,

2Ao, sɛ mewɔ akwantufoɔ asoeɛ

3“Wɔsiesie wɔn tɛkrɛma

4“Monhwɛ yie wɔ mo nnamfonom ho;

5Adamfo daadaa adamfo,

6Wote nnaadaa mfimfini;

7Ɛno enti, sei na Asafo Awurade seɛ,

8Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ borɔ;

9Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ yei ho?”

10Mɛsu na mɛtwa adwo ama mmepɔ no,

11“Mɛyɛ Yerusalem mmubuiɛ sie,

12Onipa bɛn na ɔnim nyansa ara sɛ ɔbɛte yei ase? Hwan na Awurade akyerɛkyerɛ no a ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ? Adɛn enti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ anweatam a obiara ntumi mfa soɔ?

13Awurade kaa sɛ, “Esiane sɛ wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no enti, wɔanyɛ ɔsetie amma me na wɔanni me mmara so.

14Mmom, wɔadi wɔn akoma asoɔden akyi, wɔadi Baalnom akyi sɛdeɛ wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.”

15Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: “Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduane a ɛyɛ nwono na wɔanom nsuo a wɔde awuduro afra.

16Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so, na mede akofena bɛtaa wɔn kɔsi sɛ mɛsɛe wɔn.”

17Sɛdeɛ Awurade tumfoɔ seɛ nie:

18Ma wɔmmra ntɛm

19Wɔte agyaadwotwa nnyegyeeɛ firi Sion sɛ,

20Afei, Ao mmaa, montie Awurade asɛm;

21Owuo aforo afa yɛn mpomma mu

22Ka sɛ, “Sei na Awurade seɛ,

23Yei ne deɛ Awurade seɛ:

24Mmom ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ

25“Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso:

26Misraimfoɔ, Yudafoɔ, Edomfoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ ne wɔn a wɔtete anweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokorɛm, saa aman yi nyinaa yɛ momonotofoɔ na mpo Israel fiefoɔ nyinaa yɛ akoma mu momonotofoɔ.”

← Yeremia 8 Yeremia Yeremia 10 →

Yeremia 9 — akan:

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™