1Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ Yeremia hɔ a ɛfa aman no ho.
2Deɛ ɛfa Misraim ho no nie:
3“Siesie wʼakokyɛm, akɛseɛ ne nketewa nyinaa,
4Monsiesie apɔnkɔ no,
5Ɛdeɛn na mehunu?
6Ɔhoɔherɛfoɔ ntumi nnwane,
7“Hwan, na ɔma ne homene so sɛ Asubɔnten Nil,
8Misraim ma ne homene so sɛ Nil,
9Monkɔ mo anim, apɔnkɔ!
10Nanso, ɛda no yɛ Awurade, Asafo Awurade dea,
11“Foro kɔ Gilead kɔgye aduro
12Amanaman no bɛte wʼanimguaseɛ;
13Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia a ɛfa Babiloniahene Nebukadnessar ba a ɔbɛba abɛto ahyɛ Misraim so:
14“Mommɔ yei ho dawuro wɔ Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol;
15Adɛn enti na mo nnɔmmarima bɛboto sei?
16Wɔbɛsuntisunti atoatoa so;
17Ɛhɔ na wɔbɛteam sɛ,
18“Ampa ara sɛ mete ase yi” Ɔhene a
19Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa,
20“Misraim yɛ nantwie ba bereɛ a ne ho yɛ fɛ,
21Asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no
22Misraim bɛtee so sɛ ɔtweaseɛ a ɔredwane
23Wɔbɛsɛe ne kwaeɛ,”
24Wɔbɛgu Ɔbabaa Misraim anim ase,
25Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka sɛ, “Mede asotwe reba Tebes nyame Amon, Farao, Misraim ne nʼanyame ne nʼahemfo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Farao soɔ no so.
26Mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum wɔn no nsa: Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼadwumayɛfoɔ no. Nanso, akyire no, nnipa bɛtena Misraim asase so te sɛ kane no,” Awurade na ɔseɛ.
27“Nsuro, Ao Yakob me ɔsomfoɔ;
28Nsuro, Ao, Yakob me ɔsomfoɔ;