We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

Yeremia 14

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← Yeremia 13 Yeremia Yeremia 15 →

1Yei ne Awurade asɛm a ɔde maa Yeremia a ɛfa nsuweɛ ho:

2“Yuda di awerɛhoɔ

3Mmapɔmma soma wɔn asomfoɔ ma wɔkɔpɛ nsuo;

4Asase no apaapae

5Mpo ɔforotebereɛ a ɔwɔ ɛserɛ so

6Ɛsrɛ so mfunumu gyinagyina nkokoɔ wesee no so

7Ɛwom sɛ yɛn amumuyɛ di adanseɛ tia yɛn deɛ,

8Ao, Israel Anidasoɔ,

9Adɛn enti na woayɛ sɛ obi a adeɛ afu ne mu yi,

10Yei ne deɛ Awurade ka fa saa nnipa yi ho:

11Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mmɔ yieyɛ ho mpaeɛ mma saa nnipa yi.

12Mmom ɛwom sɛ wɔdi mmuada deɛ, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwom sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ deɛ, nso merennye. Mmom, mede akofena ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn.”

13Nanso mekaa sɛ, “Ao, Otumfoɔ Awurade, adiyifoɔ no ka kyerɛ wɔn daa sɛ, ‘Monnhunu akofena na ɛkɔm remma. Nokorɛm mema mo asomdwoeɛ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ha.’ ”

14Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Adiyifoɔ no hyɛ nkɔmtorɔ wɔ me din mu. Mensomaa wɔn mennyii wɔn, na menkasa nkyerɛɛ wɔn. Wɔrehyɛ nkɔm afa atorɔ anisoadehunu, nsumansɛm, abosonsom ne wɔn ankasa nnaadaa adwene ho.

15Ɛno enti, deɛ Awurade ka fa adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho nie: mensomaa wɔn nanso wɔka sɛ, ‘Akofena biara anaa ɛkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifoɔ no ara bɛtotɔ akofena ano ne ɛkɔm mu.

16Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtoto wɔn agu Yerusalem mmɔntene so ɛsiane ɛkɔm ne akofena enti. Wɔrenya obiara nsie wɔn, wɔn yerenom, wɔn mmammarima anaa wɔn mmammaa. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so.

17“Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn:

18Sɛ mekɔ ɔman no mu a,

19Woapo Yuda kora anaa?

20Ao, Awurade, yɛagye yɛn amumuyɛ ato mu

21Na wo din enti mmu yɛn animtia;

22Na amanaman ahoni ahuhuo no mu bi ma osuo tɔ anaa?

← Yeremia 13 Yeremia Yeremia 15 →

Yeremia 14 — akan:

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™