1Dua foforɔ bi bɛfefɛ wɔ Yisai dunsini ho;
2Awurade Honhom bɛtena no so:
3Na nʼani bɛgye wɔ Awurade suro mu.
4na mmom ɔde tenenee bɛbu mmɔborɔfoɔ atɛn,
5Tenenee bɛyɛ nʼabɔsoɔ
6Pataku ne odwammaa bɛtena,
7Ɔnantwie ne sisire bɛbɔ mu adidi,
8Akokoaa bɛdi agorɔ abɛn ɔprammire amena ano,
9Wɔrenyɛ obi bɔne na wɔrensɛe adeɛ
10Na da no, Yisai aseni no bɛsɔre; deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so, na nʼahomegyebea bɛnya animuonyam.
11Saa ɛda no, Awurade bɛma ne nsa so ne mprɛnu so de agye ne nkurɔfoɔ a wɔaka afiri Asiria, Misraim anafoɔ fam, Misraim atifi fam, Kus, Elam, Babilonia, Hamat ne Po so nsupɔ.
12Ɔbɛma frankaa so ama aman no
13Efraim anibereɛ bɛtu ayera,
14Wɔbɛtwi afa Filistia nsaneɛ ahodoɔ no so akɔ atɔeɛ fam;
15Awurade bɛma nsuo
16Ɛkwantempɔn bi bɛda hɔ ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ