1Ɛberɛ a Awurade gyee Dawid firii nʼatamfoɔ nyinaa ne Saulo nsam akyi no, ɔtoo saa dwom yi de yii Awurade ayɛ.
2Nsɛm a ɛwɔ dwom no mu nie:
3me Onyankopɔn yɛ me botan; ne mu na menya banbɔ.
4“Mesu frɛ Awurade; ɔno na ayɛyie sɛ no,
5Owuo asorɔkye twaa me ho hyiaeɛ;
6Damena nhoma kyekyeree me;
7“Na mʼamanehunu mu no, mesu mefrɛɛ Awurade.
8Na asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ;
9Wisie firii ne hwene mu;
10Ɔfirii ɔsoro baa fam;
11Ɔte Kerubim so tuiɛ;
12Ɔde sum kataa ne ho hyiaeɛ,
13Hann kɛseɛ hyerɛn wɔ nʼanim,
14Awurade bobɔɔ mu firi soro;
15Ɔtoo nʼagyan maa nʼatamfoɔ hweteeɛ;
16Awurade kasaeɛ,
17“Ɔfiri ɔsoro baa ɛfam bɛsɔɔ me mu;
18Ɔgyee me firii mʼatamfoɔ a wɔyɛ den nsam,
19Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu,
20Ɔde me baa baabi a banbɔ wɔ;
21“Awurade ne me adi no sɛdeɛ me tenenee teɛ;
22Ɛfiri sɛ, manante Awurade akwan so;
23Ne mmara nyinaa gu mʼanim;
24Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim;
25Awurade tuaa me papayɛ so ka,
26“Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafoɔ kyerɛ wɔn a wɔdi nokorɛ,
27Woyi wo kronkronyɛ kyerɛ ɔkronkronni,
28Wogye ahobrɛasefoɔ,
29Ao Awurade, woyɛ me kanea.
30Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu;
31“Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ;
32Hwan ne Onyankopɔn, gye sɛ Awurade?
33Onyankopɔn ne mʼaban a ɛyɛ den;
34Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforoteɛ deɛ;
35Ɔsiesie me ma ɔko;
36Woama me wo nkwagyeɛ kyɛm.
37Woabɔ ɛkwan tɛtrɛɛ ama me nan
38“Metaa mʼatamfoɔ so sɛee wɔn;
39Meyamoo wɔn, mebɔɔ wɔn hwee fam, na wɔantumi ansɔre;
40Wohyɛɛ me ahoɔden maa ɔko;
41Womaa wɔdanee wɔn ani dwaneeɛ,
42Wɔsu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammɛgye wɔn.
43Meyamoo wɔn ma wɔyɛɛ sɛ asase so mfuturo;
44“Womaa me nkonimdie wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so.
45Ananafoɔ brɛ wɔn ho ase ma me;
46Wɔn nyinaa bɔ huboa,
47“Awurade te ase! Ayɛyi nka me botan,
48Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ wɔn a wɔha me so awere;
49na ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.
50Ao Awurade yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu nyinaa;
51“Wode nkonimdie akɛseɛ ama wo ɔhene;