1Sɛdeɛ wɔkyekyɛɛ Aaron asefoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no mu akuakuo ma wɔsomeeɛ no nie: Na Aaron mmammarima no yɛ Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.
2Nanso, Nadab ne Abihu wuiɛ a wɔnni mma ansa na wɔn agya rewu. Enti, ɛkaa Eleasa ne Itamar nko ara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔfoɔ.
3Mmoa a Sadok a na ɔyɛ Eleasa aseni ne Ahimelek a na ɔyɛ Itamar aseni no boaa no enti, Dawid kyekyɛɛ Aaron asefoɔ mu akuakuo sɛdeɛ wɔn dwumadie teɛ.
4Wɔkyɛɛ Itamar deɛ mu akuo nwɔtwe, ɛfiri sɛ, na Eleasa asefoɔ mu mmusua mpanimfoɔ no dɔɔso.
5Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadie ahodoɔ nyinaa maa akuakuo no, sɛdeɛ ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Ɛfiri sɛ, na mpanimfoɔ bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasa ne Itamar asefoɔ no nso wɔ hɔ.
6Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔtwerɛfoɔ. Ɔtwerɛɛ din ne nnwuma ahodoɔ wɔ ɔhene no ne ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewi mmusua no mpanimfoɔ anim. Eleasa ne Itamar asefoɔ bobɔɔ ntonto sɛdeɛ ɛdidi soɔ yi:
7Ntonto a ɛdi ɛkan no bɔɔ Yehoiarib.
8Ntonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɔɔ Harim.
9Ntonto a ɛtɔ so enum no bɔɔ Malkia.
10Ntonto a ɛtɔ so nson no bɔɔ Hakos.
11Ntonto a ɛtɔ so nkron no bɔɔ Yesua.
12Ntonto a ɛtɔ so dubaako no bɔɔ Eliasib.
13Ntonto a ɛtɔ so dumiɛnsa no bɔɔ Hupa.
14Ntonto a ɛtɔ so dunum no bɔɔ Bilga.
15Ntonto a ɛtɔ so dunson no bɔɔ Hesir.
16Ntonto a ɛtɔ so dunkron no bɔɔ Petahia.
17Ntonto a ɛtɔ so aduonu baako no bɔɔ Yakin.
18Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no bɔɔ Delaia.
19Ekuo biara dii ne dwuma wɔ Awurade fie sɛdeɛ wɔn agya Aaron nam Awurade, Israel Onyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no.
20Yeinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefoɔ no mpanimfoɔ:
21Rehabia asefoɔ ntuanoni ne Yisia.
22Yishar asefoɔ ntuanoni ne Selomot.
23Hebron asefoɔ ntuanofoɔ ne:
24Usiel asefoɔ ntuanoni ne Mika.
25ne Mika nuabarima Yisia.
26Merari asefoɔ ntuanofoɔ ne Mahli ne Musi.
27Merari asefoɔ a wɔfiri Yasia mu no, ntuanofoɔ no ne:
28Mahli asefoɔ ntuanoni ne Eleasa a na ɔnni mmammarima no.
29Kis asefoɔ ntuanoni ne Yerahmeel.
30Musi asefoɔ ntuanofoɔ ne Mahli, Eder ne Yerimot.
31Wɔnam ntonto kronkron a wɔbɔɔ wɔ wɔn so na wɔde wɔn nnwuma hyɛɛ wɔn nsa te sɛ Aaron asefoɔ deɛ no, a wɔanhwɛ mfeɛ a wɔadi ne wɔn diberɛ. Wɔdii dwuma no wɔ ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfoɔ ne Lewifoɔ mmusua mpanimfoɔ no anim.