1Awurade, mefi me koma nyinaa mu ada wo ase.
2Mɛma mʼani agye na madi ahurusi wɔ wo mu.
3Mʼatamfo san wɔn akyi;
4Woadi mʼasɛm ama me, na menya mʼahofadi;
5Woatwe amanaman no aso, na woasɛe amumɔyɛfo.
6Ɔsɛe a enni awiei ato ɔtamfo no,
7Awurade di hene daa daa;
8Ɔde trenee bebu wiase atɛn;
9Awurade yɛ guankɔbea ma wɔn a wodi wɔn nya no,
10Wɔn a wonim wo din no de wɔn ho bɛto wo so,
11Monto ayeyi dwom mma Awurade a ɔte ahengua so wɔ Sion;
12Na ɔkae nea ɔtɔ mogya so were no;
13Awurade, hwɛ sɛnea mʼatamfo teetee me!
14na matumi apae mu aka wʼayeyi
15Amanaman mufo atɔ amoa a wɔatu no mu;
16Awurade atɛntrenee da no adi;
17Amumɔyɛfo san kɔ ɔda mu,
18Nanso ɛnyɛ daa na ne werɛ befi ohiani,
19Sɔre! Awurade, mma ɔdesani nni nkonim,
20Bɔ wɔn hu, Awurade;