We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

Mmebusɛm 8

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← Mmebusɛm 7 Mmebusɛm Mmebusɛm 9 →

1Tie: Nyansa refrɛ.

2Ɔkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ,

3apon a ɛkɔ kuropɔn no mu no ho,

4“Ao, mo nnipa na meteɛ mu refrɛ;

5Mo a moyɛ ntetekwaa, momma mo ani ntew;

6Muntie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo;

7Mʼano ka nea ɛyɛ nokware,

8Mʼanom nsɛm nyinaa yɛ pɛ;

9Ne nyinaa mu da hɔ ma nea ɔwɔ nhumu;

10Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ,

11Efisɛ nimdeɛ som bo sen bota,

12“Me, nyansa, mene anitew na ɛte;

13Sɛ wosuro Awurade ɛne sɛ wokyi bɔne;

14Afotu ne atemmu pa wɔ me;

15Me so na ahemfo nam di ade

16Mmapɔmma de me bu ɔman

17Medɔ wɔn a wɔdɔ me,

18Ahonyade ne anuonyam wɔ me nkyɛn,

19Mʼaba ye sen sikakɔkɔɔ ankasa;

20Trenee akwan so na menam,

21mede ahode ma wɔn a wɔdɔ me

22“Awurade bɔɔ me sɛ nʼabɔde mu abakan

23oyii me sii hɔ fi tete,

24Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ po kakraka no,

25ansa na wɔde mmepɔw resisi hɔ;

26ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuw

27Mewɔ hɔ ansa na wɔbɔɔ ɔsoro,

28bere a ɔbɔɔ omununkum wɔ soro

29bere a otwaa ɔhye maa po

30na meyɛ odwumfo a mete ne nkyɛn.

31na mʼani gye wɔ ne wiase nyinaa mu

32“Enti me mma, muntie me;

33Muntie mʼakwankyerɛ na munhu nyansa;

34Nhyira ne onipa a otie me,

35Na obiara a ohu me no nya nkwa,

36Na nea wanhwehwɛ me no haw ne ho

← Mmebusɛm 7 Mmebusɛm Mmebusɛm 9 →

Mmebusɛm 8 — akan:

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™