We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

4 Mose 26

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← 4 Mose 25 4 Mose 4 Mose 27 →

1Ɔyaredɔm no akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron babarima Eleasar se,

2“Monkan Israelfo mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodow a wobetumi akɔ ɔsa ama Israel wɔ abusua biara mu.”

3Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔatra Yeriko no se,

4“Monkan mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.”

5Eyinom ne Yakob babarima panyin Ruben asefo:

6Hesronfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hesron;

7Mmarima a na wɔwɔ Ruben mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan abiɛsa ahanson aduasa (43,730).

8Na Palu yɛ Eliab babarima,

9na Eliab mmabarima ne Nemuel, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofo a wɔka Kora akyidifo a wɔyɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu Awurade animtiaa no ho.

10Na asase mu bue menee wɔne Kora. Ogya fi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifo ahannu aduonum. Na wɔyɛɛ kɔkɔbɔ nsɛnkyerɛnne.

11Nanso Kora ase antɔre.

12Eyinom ne mmusua a wofi Simeon ase:

13Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah;

14Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahannu (22,200).

15Eyinom ne mmusua a wɔyɛ Gad asefo:

16Osnifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni;

17Arodfo abusua, wɔde too wɔn agya Arod;

18Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodow yɛ mpem aduanan ne ahannum (40,500).

19Na Yuda wɔ mmabarima baanu a wɔn din de Er ne Onan a wowuwuu wɔ Kanaan asase so.

20Yuda asefo mmusua a edidi so yi:

21Eyinom ne mmusua a wofi Peres ase.

22Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduɔson asia ne ahannum (76,500).

23Eyinom ne mmusua a wofi Isakar ase:

24Yasubfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yasub;

25Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahaasa (64,300).

26Eyinom ne mmusua a wofi Sebulon ase:

27Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia ne ahannum (60,500).

28Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua abien fii Yosef mu bae.

29Manase asefo:

30Eyinom ne mmusua a wofi Gileadfo ase:

31Asrielfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Asriel;

32Semidafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida;

33Hefer babarima Selofehad annya mmabarima nanso na ɔwɔ mmabea a wɔn din de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.

34Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodow yɛ mpem aduonum abien ne ahanson (52,700).

35Eyinom ne mmusua a wofi Efraim ase:

36Eyinom ne Sutela asefo:

37Eyinom Efraim mmusua; wɔn dodow yɛ mpem aduasa abien ne ahannum (32,500).

38Eyinom ne mmusua a wofi Benyamin ase.

39Sufamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam;

40Eyinom ne mmusua a wofi Belafo mu;

41Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahansia (45,600).

42Eyi ne abusua a efi Dan ase.

43Mmarima a na wɔwɔ saa mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahannan (64,400).

44Eyinom ne mmusua a wofi Aser ase:

45Eyinom ne mmusua a wofi Beria ase:

46Na Aser wɔ ɔbabea bi a ne din de Sera.

47Mmarima a na wɔyɛ Aser asefo no nyinaa dodow yɛ mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400).

48Eyinom ne mmusua a wofi Naftali ase:

49Yeserfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yeser;

50Mmarima a na wɔwɔ Naftali mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahannan (45,400).

51Nnipa dodow a wɔkan wɔn no ano si mpem ahansia ne baako ahanson aduasa (601,730).

52Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,

53“Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn dodow te.

54Ma abusua a ɛso no agyapade kɛse na abusua a esua no agyapade ketewa.

55Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Nea ɛsɛ sɛ kuw biara nya no begyina nʼagyanom abusuakuw din dodow so.

56Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapade no kyekyɛ so wɔ akuw akɛse ne nketewa no mu.”

57Eyinom ne Lewifo a wɔnam wɔn mmusua so kan wɔn:

58Eyinom nso yɛ Lewifo mmusua:

59Bere a Lewi wɔ Misraim no, wɔwoo ɔbabea a ne din de Yokebed. Kehat babarima Amram waree no. Wɔn na wɔwoo Aaron, Mose ne Miriam.

60Aaron woo Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.

61Nanso, bere a Nadab ne Abihu de ogya a ɛnyɛ kronkron brɛɛ Awurade no, wowuwui.

62Nnipakan no mu no, na Lewifo nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abiɛsa (23,000). Wɔkan mmarima a wɔadi fi ɔsram kosi mpanyimfo so. Nanso, wɔammu Lewifo no ano anka Israel nnipakan no ho, efisɛ wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuw no, wɔamma Lewifo no bi.

63Enti sɛnea Mose ne ɔsɔfo Eleasar fa kyerɛɛ nnipa no ano wɔ Moab bepɔw a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a na wɔatwa Yeriko ne no.

64Na saa nnipa yi mu biara nni hɔ a ɔfra wɔn a Mose ne Aaron kan wɔn wɔ Sinai sare so no mu.

65Efisɛ Awurade ka kyerɛɛ saa Israelfo no se wobewuwu wɔ sare no so. Anka wɔn mu biara, gye Yefune ba Kaleb ne Nun babarima Yosua.

← 4 Mose 25 4 Mose 4 Mose 27 →

4 Mose 26 — akan:

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™