1Awurade, kae nea aba yɛn so;
2Wɔadan yɛn agyapade ama ahɔho,
3Yɛayɛ nyisaa na yenni agyanom,
4Ɛsɛ sɛ yɛtɔ nsu a yɛnom;
5Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ;
6Yɛde yɛn ho maa Misraim ne Asiria
7Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wonni hɔ bio,
8Nkoa di yɛn so,
9Yɛde yɛn nkwa bɔ afɔre de pɛ yɛn anoduan,
10Yɛn honam adɔ sɛ fononoo.
11Wɔato mmea mmonnaa wɔ Sion,
12Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn;
13Mmerante yɛ adwumaden wɔ awiyammo so;
14Mpanyimfo ntena kuropɔn apon ano bio;
15Ahosɛpɛw afi yɛn koma mu;
16Ahenkyɛw afi yɛn ti so.
17Eyi nti yɛn koma atɔ beraw,
18wɔ Sion bepɔw a ada mpan
19Wo, Awurade, di hene afebɔɔ;
20Adɛn nti na wo werɛ fi yɛn daa yi?
21Ka yɛn bata wo ho bio, Awurade, na yɛatumi asan aba wo nkyɛn;
22gye sɛ woapo yɛn koraa