We Believe JesusFé, Esperança e Nova Vida

Yesaia 8

Biblica® Wonhia ɛho kwamma nhoma Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ · akan

← Yesaia 7 Yesaia Yesaia 9 →

1Awurade ka kyerɛɛ me se, “Fa nhoma mmobɔwee kɛse no na fa kyerɛwdua biara kyerɛw so.

2Na mɛfrɛ ɔsɔfo Uria ne Yeberekia babarima Sakaria sɛ me dansefo nokwafo aba.”

3Afei mekɔɔ nkɔmhyɛnibea no ho, na onyinsɛnee, woo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas.

4Ansa na abarimaa no betumi aka, ‘Mʼagya’ anaasɛ ‘me na’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahode ne Samaria asade nyinaa akɔ.”

5Awurade kasa kyerɛɛ me bio se,

6“Esiane sɛ saa nkurɔfo yi apo

7Awurade reyɛ de Asubɔnten no

8na apra abɛfa Yuda, akɔntɔn afa ho,

9Momma ɔko nteɛmu so, mo aman na wɔnnwerɛw mo!

10Hwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so, nanso wɔbɛsɛe no;

11Awurade de ne nsa dennen no too me so, ka kyerɛ me, bɔɔ me kɔkɔ se mennantew saa nkurɔfo yi kwan so. Ɔkae se,

12“Mommfrɛ no tirisopam

13Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wubu no ɔkronkron,

14ɔbɛyɛ kronkronbea:

15Wɔn mu bebree bɛwatiri;

16Kyekyere kɔkɔbɔ adanse no

17Mɛtwɛn Awurade

18Me ne mma a Awurade de wɔn ama me no ni. Yɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne agyiraehyɛde wɔ Israel, na yefi Asafo Awurade a ɔte Sion Bepɔw so no nkyɛn.

19Sɛ nnipa tu mo fo sɛ monkohu samanfrɛfo ne nnunsifo a wɔkasa aso mu na emu ntew a, adɛn nti na wommmisa wɔn Nyankopɔn? Adɛn nti na mubisa ade wɔ awufo nkyɛn ma ateasefo?

20Sɛ wɔannyina mmara ne adanse yi so anka asɛm yi a, wunni adekyee mu hann.

21Wɔde ahohiahia ne ɔkɔm bɛnantenantew asase no so; na sɛ wɔtɔ beraw a, wɔn bo befuw na wɔbɛma wɔn ani so adome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn.

22Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wubehu ahohiahia ne sum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛn sum kabii mu.

← Yesaia 7 Yesaia Yesaia 9 →

Yesaia 8 — akan:

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™