1Due wo Ariel,
2Nanso metua Ariel ano;
3Mede dɔm betwa wo ho ahyia;
4Wɔasie wo no, wobɛkasa afi asase mu;
5Nanso wʼatamfo bebrebe no bɛyɛ sɛ mfutuma muhumuhu,
6Asafo Awurade bɛba.
7Afei amanaman bebrebe a wotu Ariel so sa nyinaa,
8Sɛnea obi a ɔkɔm de no so dae sɛ ɔredidi,
9Mo ho nnwiriw mo na ɛnyɛ mo nwonwa,
10Awurade de nnahɔɔ ato mo so:
11Mo de, saa anisoadehu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔw ano wɔ nhoma mmobɔwee mu. Sɛ mode nhoma mmobɔwee no ma obi a, otumi kenkan, na moka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo kenkan eyi” a, obebua se, “Merentumi, efisɛ wɔasɔw ano.”
12Sɛ nso, mode nhoma mmobɔwee no ma nea onnim akenkan, na moka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo kenkan eyi” a, obebua se, “Minnim akenkan.”
13Awurade ka se,
14Enti mɛma nnipa yi ho adwiriw wɔn bio
15Wonnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛ
16Musisi nneɛma ti ase,
17Ɛrenkyɛ koraa, wɔrennan Lebanon nyɛ no asasebere
18Saa da no, ɔsotifo bɛte nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu
19Ahobrɛasefo bedi ahurusi wɔ Awurade mu bio;
20Atutuwpɛfo bɛyera,
21wɔn a wɔka asɛm baako ma obi di fɔ,
22Enti sɛɛ na Awurade a ogyee Abraham nkwa no
23Sɛ wohu wɔn mma wɔ wɔn mu,
24Wɔn a wɔfom kwan wɔ honhom mu benya ntease;