1Wonnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmfa ne kwan mu,
2de siw ahiafo ahofadi ho kwan,
3Dɛn na mobɛyɛ wɔ akontaabu da no,
4Ɛrenka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafo mu
5“Nnome nka Asiriani no, mʼabufuw abaa,
6Mesoma no akɔ ɔman a wonnim Onyankopɔn so
7Nanso ɛnyɛ eyi ne nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ
8Na obisa se, ‘Ahemfo nyinaa nyɛ mʼasahene ana?
9Kalno nyɛɛ sɛ Karkemis ana?
10Sɛnea migyee ahoni ahenni ahorow abran so,
11Merentumi ne Yerusalem ne ne nsɛsode nni,
12Sɛ Awurade wie nʼadwuma a etia Bepɔw Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka se, “Mɛtwe Asiriahene aso wɔ ne komapirim ne nʼani a ɛnsɔ ade no ho.
13Efisɛ ɔka se,
14Sɛnea obi teɛ ne nsa hyɛ berebuw mu no,
15Abonnua ma ne ho so tra nea ɔtow,
16Afei Awurade, Asafo Awurade,
17Israel Hann no bɛdan ogya.
18Ne kwae ne nʼasasebere anuonyam no,
19Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwae mu bɛyɛ kakraa bi
20Da no, Israel nkae,
21Nkae bi bɛsan aba, Yakob nkae bi
22Israel, ɛwɔ mu sɛ wo nkurɔfo dɔɔso sɛ mpoano nwea de,
23Awurade, Asafo Awurade de ɔsɛe
24Enti sɛɛ na Awurade, Asafo Awurade se,
25Ɛrenkyɛ koraa mʼabufuw a etia mo no ano bedwo
26Asafo Awurade de mpire bɛhwe wɔn,
27Da no wobeyi wɔn adesoa no afi wɔn mmati so
28Wɔhyɛn Ayat;
29Wɔfaa ɔtempɔn no so, na wɔka se,
30Teɛ mu, Galim Babea!
31Madmena reguan;
32Nnɛ ara wobegyina wɔ Nob;
33Hwɛ, Awurade, Asafo Awurade no,
34Ɔde abonnua betwitwa kwaedɔtɔ agu fam